Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 31 - KYERƐW KRONKRON


Ɔkasakyerɛ ma ɔhene

1 Masa hene Lemuel nsɛm, ɔkasakyerɛ a ne na de teɛɛ no so.

2 Ɛdɛn, me ba, na ɛdɛn, me yafumma? Na ɛdɛn, me bɔhyɛ ba?

3 Mfa w’ahoɔden mma mmea, na mfa w’akwan nyɛ nea ɛsɛe ahemfo.

4 Ɛnsɛ ahemfo, Lemuel, ɛnsɛ ahemfo, sɛ wɔbɛnom nsa, anaa atitiriw, sɛ wobedi nsaden akyi,

5 na wɔannom, na wɔn werɛ amfi mmara a wɔahyɛ, na wɔannan amanehunufo nyinaa nsɛm ani.

6 Fa nsaden ma nea ɔresɛe, ne bobesa ma awerɛhowfo.

7 Ma wɔnnom na wɔn werɛ mfi wɔn hia, na wɔankae wɔn amane bio.

8 Kasa ma omum, ne mma a wonni ahwɛfo nyinaa.

9 Bue w’ano, bu atɛntrenee, na di ɔbrɛfo ne ohiani asɛm.


Ɔyere pa ayeyi

10 Ɔyepa, hena na obenya? Nanso ne bo sen nhene pa koraa.

11 Ne kunu koma da no so, na siade ade nhia no.

12 Ɔyɛ no yiye, na ɔnyɛ no bɔne bi, ne nkwa nna nyinaa.

13 Odwen kuntu ne asaawa ho, na ɔde ne nsa yɛ adwuma fɛw so.

14 Ɔte sɛ oguadini ahyɛn, ɔde n’aduan fi akyirikyiri ba.

15 Ade nnya nkyee a, na wasɔre, na wama ne fifo aduan, na wama ne mmaawa nnwuma.

16 Odwen afuw ho na ɔtɔ, ɔde ne nsa ano aba yɛ bobeturo.

17 Ɔde ahoɔden bɔ n’asen, na ɔhyɛ n’abasa mu den.

18 Ɔte ne dwumadi mu dɛw, ne kanea nnum anadwo.

19 Ɔteɛ ne nsa so tadua mu, na ne nsatea so kyekye mu.

20 Obue ne nsam ma ɔbrɛfo, na ɔteɛ ne nsa ma ohiani.

21 Onsuro sukyerɛma mma ne fifo, na ne fifo nyinaa furafura atankɔkɔɔ.

22 Wanwene mmommo afa, ne ntama yɛ nwera pa ne ntama a ɛberedum.

23 Wonim ne kunu kurow apon mu, bere a ɔte asase no so mpanyimfo mu no.

24 Ɔpam nkamisaa na ɔtɔn, na ɔde abɔso ma oguadini.

25 Ahoɔden ne ahoɔfɛ ne n’adurade, na osuro mmere a ɛwɔ n’anim.

26 Obue n’ano nyansa mu, na adɔe kyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.

27 Ɔhwɛ ne fifo kɔree ne bae, na onni anihaw aduan.

28 Ne mma sɔre, na wɔfrɛ no nhyira, ne kunu nso, oyi no ayɛ sɛ:

29 Mmea pii ayɛ papa, na wo de, wosen wɔn nyinaa.

30 Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; nanso ɔbea a osuro AWURADE na wobeyi no ayɛ.

31 Momma no ne nsa ano aba bi, na ne nneyɛe nyi no ayɛ kurow apon mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan