Mmebusɛm 30 - KYERƐW KRONKRONAgur mpaemuka 1 Yake ba Agur nsɛm. Anisoadehu. Ɔbarima no ka kyerɛ Itiel, Itiel ne Ukal sɛ: 2 Na meyɛ aboa a menyɛ onipa, na nhumu a onipa wɔ no, minni bi. 3 Na minsuaa nyansa, na minni ɔkronkronni no ho nimdeɛ. 4 Hena na waforo akɔ soro na wasian? Hena na okura mframa ne nsam? Hena na ɔbɔ nsu boaa, ntama mu? Hena na ɔde asase ano nyinaa sisii hɔ? Sɛ wunim a, ne din de dɛn? Na ne ba din de dɛn? 5 Onyankopɔn asɛm nyinaa ho tew, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so. 6 Mfa biribi nka ne nsɛm ho, na wanka w’anim, na wɔanhu wo sɛ ɔtorofo. 7 Nneɛma abien na mesrɛ wo hɔ, nkame me ansa na mawu. 8 Yi ade huhuw ne atosɛm fi me ho kɔ akyirikyiri; mma me ohia anaa ahonyade, ma minnya m’aduan a ehia me no minni; 9 na mammee mampa wo manka se: Hena ne AWURADE? Nanso manni hia manwia ade mamfom me Nyankopɔn din. 10 Nni akoa ho nseku nkyerɛ ne wura, na wammɔ wo dua na woanni fɔ. 11 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya, na wonhyira wɔn na. 12 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho tew wɔn ankasa ani so, nanso wonguaree wɔn mfii wɔn fi mu ɛ. 13 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ntɔn, na wɔamoma wɔn anisuatɛtɛw so! 14 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn se yɛ nkrante, na wɔn nnyepi yɛ asekan a wɔde we abrɛfo fi asase so, ne ahiafo fi nnipa mu. 15 Amemem wɔ mmabea baanu: Fa ma! Fa ma! Nneɛma abiɛsa na ɛmmee da, Yiw, nneɛma anan na ɛnka se: Ɛdɔɔso: 16 Asaman ne ɔyafunu bonin, asase a nsu mmee no ne ogya a ɛnka sɛ: Ɛdɔɔso. 17 Aniwa a eyi n’agya ahii, na ebu ɛna tie animtiaa no, asubɔnten ho kwaakwaadabi betutu, na akɔre mma bedi. 18 Nneɛma abiɛsa na ɛyɛ me nwonwa dodo, Yiw na anan de, minhu: 19 Ɔkɔre kwan, ewim, ɔwɔ kwan, ɔbotan so, hyɛn kwan, ɛpo mu, ne ɔbarima kwan, ababaa ho. 20 Sɛ ɔbea ɔwaresɛefo kwan te ni: Odidi popa n’ano, na ose: Memmɔɔ mmusu bi ɛ. 21 Nneɛma abiɛsa ase na asase wosow, Yiw na anan na entumi nsoa: 22 Akoa a wabedi hene, ne ogyennyentwi a wadidi amee, 23 ɔbea a obi mpɛ no, na wanya okunu, ne abaawa a wadi n’awuraa ade. 24 Nneɛma anan na esusua asase so, nanso wɔyɛ anyansafo. 25 Ntɛtea, ɔman a wonni ahoɔden bi, nanso wosiesie wɔn aduan ahohurubere; 26 nkukuban, ɔman a wɔn ho nyɛ den, nanso wɔyɛ wɔn adan abotan mu; 27 mmoadabi nni hene, nanso wɔn nyinaa fi nam akuwakuw; 28 wubetumi de wo nsa akyere ɔkɔtew, nso ahene aban mu na ɔte. 29 Nneɛma abiɛsa yi nantew mu ye, Yiw na anan kɔbea yɛ fɛ: 30 Gyata, mmoa mu bran a ɔnsan mfi obiara anim, 31 akodi pɔnkɔ a n’asen amia, ne ɔpapo, ne ɔhene a obi nsɔre nhyɛ no. 32 Sɛ woayɛ nkwaseade ama wo ho so, na sɛ woabɔ pɔw a, fa wo nsa to w’ano. 33 Na wumia nufusuda a, wuyi nufusu ani srade, saa ara na wukyim hwene a, wuyi mogya, na wumia abufuw a, wuyi ntɔkwaw. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana