Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 3 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn suro ne nyansa mu mfaso

1 Me ba, mma wo werɛ mmfi me mmara, na ma wo koma nni me mmara nsɛm so;

2 efisɛ onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe na ɛde bɛka wo ho.

3 Mma adɔe ne nokware nnnyaw wo; fa kyekyere wo kɔn, kyerɛw wo koma pon so.

4 Ɛnna wubenya ɔdom ne nimdeɛ pa, Onyankopɔn ne nnipa anim.

5 Fa wo koma nyinaa bata AWURADE ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu.

6 Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan,

7 Nyɛ w’ani so onyansafo, suro AWURADE, na dan fi bɔne ho.

8 Ɛbɛyɛ ahoɔden ama wo honam, ne akwahosan ama wo nnompe.

9 Fa w’ahonyade hyɛ AWURADE anuonyam, ne wo nnɔbae mu adekan nyinaa;

10 ɛnna ade dodow bɛyɛ w’asan amaama, na wo nsa-kyi-amoa mu nsa foforo bebu so.

11 Me ba, mpo AWURADE nteɛso, na mma n’animka mmfono wo.

12 Na nea AWURADE dɔ no na ɔka n’anim, sɛ agya yɛ ne ba a ɔdɔ no.

13 Nhyira ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya ntease.

14 Na emu adenya ye sen dwetɛ de, na ne mfaso sen sika amapa.

15 Ne bo yɛ den sen mmota, na afɛfɛde nyinaa, wɔmfa nto ho.

16 Onyinkyɛ wɔ ne nifa mu, ne benkum kura ade ne anuonyam.

17 N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, na n’asa nyinaa yɛ asomdwoe.

18 Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso no mu, na nhyira ne nea okura mu.

19 AWURADE de nyansa na ɛhyɛɛ asase ase, ɔde ntease de ɔsoro tim hɔ;

20 ne nimdeɛ so na abun mu nsu paee, na amununkum sosɔ obosu.

21 Me ba, fa nyansahu ne adwempa sie, na mma ɛnnan mmfi w’ani so,

22 na ayɛ nkwa ama wo kra, ne anuonyam ama wo kɔn.

23 Ɛno na wobɛnantew wo kwan so dwoodwoo, na wo nan anhintiw.

24 Sɛ wokɔda a, woremmɔ piriw, na woda a, wo nna bɛyɛ dɛ.

25 Nsuro mpofirim huyi ne abɔnefo sɛe a ɛbɛba.

26 Na AWURADE bɛyɛ w’ahodasode, na ɔbɛkora wo nan afi ɔkyere mu.

27 Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.

28 Nka nkyerɛ wo yɔnko se: Kɔ na bra! Ne: Ɔkyena mede mɛma, bere a ɛwɔ wo hɔ.

29 Mpam wo yɔnko ho apammɔne, bere a ɔne wo te hɔ dwoodwoo no.

30 Wo ne obi nnni atutuw kwa, bere a ɔnyɛɛ wo bɔne bi no.

31 Ntwe otirimmɔdenfo ho ninkunu, nso mpaw n’akwan mu biara.

32 Na ɔkɔnkɔnsani yɛ AWURADE akyide, na teefo na ɔne wɔn di atirimsɛm.

33 AWURADE nnome wɔ ɔbɔnefo fi, na ohyira treneefo tenabea.

34 Yiw odi afɛwdifo ho fɛw, na ɔdom ahobrɛasefo.

35 Anyansafo benya anuonyam adi, na nkwasea bɛsoa ahohora.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan