Mmebusɛm 29 - KYERƐW KRONKRONNhyira ne ɔsɛe 1 Animka nipa a osen ne kɔn, wobebu no mpofirim, na ano nni aduru. 2 Treneefo redɔɔso a, ɔman ani gye, na ɔbɔnefo di so a, ɔman si apini. 3 Onipa a ɔdɔ nyansa ma n’agya ani gye, na nea ɔne nguamamfo bɔ bɛsɛe n’ade. 4 Ɔhene de atemmu ma ɔman gyina, na akyɛdepɛfo bɔ no. 5 Onipa a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no, osum n’anammɔn afiri. 6 Onipa bɔne mmarato mu wɔ afiri, na ɔtreneeni bɛto ahurusi dwom, na n’ani agye. 7 Ɔtreneeni hu abrɛfo asɛm di, ɔbɔnefo nhu saa nimdeɛ yi. 8 Fɛwdifo sɔ kurow mu gya, na anyansafo sianka abufuw. 9 Ɔba nyansafo ne ogyimifo di apere a, ɔyɛ hoo oo, ɔserew oo, ɔhome nni mu. 10 Mogyapɛfo tan pɛyɛfo, na teefo hwehwɛ ne kra agye no. 11 Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafo dwudwo no ma ɛka akyiri. 12 Ɔpanyin a otie atosɛm no, n’asomfo nyinaa yɛ abɔnefo. 13 Ohiani ne ɔpoobɔni ade biako da nso wɔ ho, nea ɔtew wɔn baanu nyinaa ani ne AWURADE. 14 Ɔhene a obu nokwatɛn ma abrɛfo no, n’ahengua betim daa. 15 Abaa ne animka ma nyansa, na abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase. 16 Abɔnefo dɔɔso a, mmarato dɔɔso, nanso treneefo behu wɔn asehwe. 17 Teɛ wo ba so na wama woahome, na wama wo kra anika. 18 Anisoadehu nni hɔ a, ɔman yɛ bisibasaa, nanso nea obu mmara no, nhyira ne no. 19 Wɔmfa nsɛm nteɛ akoa so, efisɛ ɔte ase, nso ommu. 20 Wuhu onipa a ɔpere ne nsɛm ho a, anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no. 21 Nea ɔkokɔ n’akoa fi ne mmofraase no, akyiri no ɔbɛyɛ sɛ ɔba. 22 Obufufafo hwanyan ntɔkwaw, na ɔbobɔnefo mmarato dɔɔso. 23 Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu hobrɛaseni nsa bɛka anuonyam. 24 Nea ɔne owifo kyɛ ade no tan ne kra, ɔte duabɔ no, nso ɔnka. 25 Onipa ho suro sum afiri, na nea ɔde ne ho to AWURADE so no ho bɛyɛ sonn. 26 Nnipa pii hwehwɛ ɔman so difo anim anuonyam, nanso AWURADE na obiara atemmu fi no. 27 Treneefo akyide ne onipa busufo, na ɔbɔnefo akyide ne nea ne kwan yɛ tee. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana