Mmebusɛm 28 - KYERƐW KRONKRONNhyira ne nnome 1 Abɔnefo guan bere a obi ntaa wɔn, na treneefo de, wɔyɛ nnam sɛ gyataforo. 2 Asase mmarato na ɛma ɛso ahemfo dɔɔso, na nnipa nhumufo ne nimdefo na ɛma ɔhene kyɛ. 3 Ohiani a ɔhyɛ ohiani so te sɛ osu a ɛpra ade kɔ a ɛmma aduan mma. 4 Wɔn a wogyaw mmara no yi abɔnefo ayɛ, na wɔn a wodi mmara so no ne wɔn di aperepere. 5 Nnipa bɔne nhu atemmu mu, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akyi kwan no hu ade nyinaa mu. 6 Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu ye sen nea ɔkyea akwan abien mu na wanya ne ho. 7 Nea obu mmara no yɛ ɔba nyansafo, na nea ɔne ahohwifo bɔ no hyɛ n’agya aniwu. 8 Nea ɔde mfɛntom ne apempensi dɔre n’ade no, ɔboaboa ano ma nea obehu abrɛfo mmɔbɔ. 9 Nea oyi n’aso fi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyide. 10 Nea ogyigye teefo kɔ bɔne kwan so no, ɔbɛhwe ɔno ara amoa mu, na pɛyɛfo de wobedi ade pa. 11 Onipa defo yɛ n’ani so nyansafo, na ɔbrɛfo nhumufo hwehwɛ no mu. 12 Treneefo di ahurusi a, ɛyɛ fɛ pii, na abɔnefo sɔre a, nnipa hintaw. 13 Nea ɔkata ne mmarato so no, ɔrenkye ade, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ. 14 Nhyira ne onipa a ɔfɛre ade daa yi; na nea ɔhyɛ ne koma den bɛtɔ bɔne mu. 15 Ɔbɔnefo a odi ɔman abrɛfo so te sɛ gyata a ɔbobom ne sisi a n’ani abere. 16 Ɔhene a onni nhumu, na ne nhyɛso so, nea ɔtan amimdi ma ne nna kyɛ. 17 Onipa a odi obi mogya ho so no obeguan akɔtɔ amoa mu, mma wonnsianka no. 18 Nea ɔnam pɛyɛ mu no benya nkwa, na nea ɔkyea akwan abien mu no bɛhwe ase biako mu. 19 Nea ɔdɔw n’asase no, aduan bɛmee no, na nea odi ade hunu akyi no, ohia bɛmee no. 20 Onipa ɔnokwafo nhyira bɛdɔɔso, na nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ. 21 Animhwɛ nye, nanso aduan afono ma so mpo na onipa bedi asɛmmɔne. 22 Oniberefo pere ahonya ho, na onhu sɛ ohia bɛba no so. 23 Nea ɔka obi anim no akyiri no, obenya anuonyam asen nea ɔde ne tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ. 24 Nea ɔfow n’agya ne ne na ade na ɔka sɛ: Ɛnyɛ mmarato! No yɛ ɔdesɛefo adamfo. 25 Nea n’akɔnnɔ so hwanyan atutuw, na nea ɔde ne ho to AWURADE so bɛdɔ srade. 26 Nea ne ho da ne koma so no yɛ ɔkwasea, na nea ɔnam nyansa mu no benya aguanye. 27 Nea ɔma ohiani no, ɛrenhia no, na nea oyi n’ani no benya nnuabɔ pii. 28 Abɔnefo sɔre a, nnipa hintaw, na wɔyera a, na treneefo redɔɔso. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana