Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 27 - KYERƐW KRONKRON


Ahohoahoa nye

1 Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wunnim nea ɛda no de bɛba.

2 Ma obi nyi wo ayɛ, na ɛnyɛ w’ano, ɔhɔho, na ɛnyɛ w’anofafa.

3 Ɔbo yɛ duru na anwea yɛ pemee, na ogyimifo abohuru yɛ duru sen n’abien nyinaa.

4 Anibere yɛ atirimmɔden, na abufuw boro so, na hena na obetumi agyina ninkuntwe ano?

5 Animka pefee ye sen ɔdɔ a ahintaw.

6 Ɔdɔfo pira yɛ nokware, na ɔtamfo mfewano yɛ nsisi.

7 Ɔkra a wamee tiatia ɛwokyɛm so, na ɔkra a ɔkɔm de no de, nea ɛyɛ nwene biara yɛ no dɛ.

8 Sɛ anomaa a ofi ne berebuw mu kyin te no, saa ara na onipa a wayera afi ne fi te nen.

9 Ngo ne aduhuam ma akomatɔyam, na onipa adamfo mu dɛ sen ne komam agyinatu.

10 Nnyaw w’adamfo ne w’agya adamfo, na w’amane da no, nhyɛn wo nua fi; wo fipamfo a ɔbɛn ye, sen onua a ɔwɔ akyiri.

11 Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.

12 Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.

13 Nea ogyina ɔhɔho akyi no, fa ne ntama, na nea odi ɔbea sansani agyinam no, gye no awowa.

14 Nea otua ahema de nne kɛse hyira ne yɔnko no, wobebu no nnuabɔ ama no.

15 Asusow bere mu nsu a ɛsosɔ daa ne ɔbea ntɔkwapɛfo sɛ:

16 Nea ose ɔresianka no no te sɛ nea osianka mframa, anaa ne nifa kita ngo.

17 Dade sew dade ano, na saa ara na onipa tew ne yɔnko ani.

18 Nea ɔhwɛ borɔdɔma dua no di n’aba, na nea ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no anuonyam.

19 Sɛ nsu ma onipa hu n’anim no, saa ara na onipa koma ma onipa foforo hu ne de.

20 Asaman ne ɔsɛe amoa mmee da, na onipa aniwa nso mmee da.

21 Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika, na onipa de, sɛ n’ayeyi te na wɔde hu no.

22 Sɛ wode ɔwɔmma siw ogyimifo ɔwaduru mu fra awi mu mpo a, n’agyimisɛm remfi ne ho.

23 Ohu na hu sɛnea wo nguan ho te, na dwene wo mmoa akuwakuw no ho yiye.

24 Ahode ntena hɔ daa, na abotiri nkodu awo ntoatoaso nyinaa so.

25 Sɛ sare wu a, momono fifi, na wɔboaboa mmepɔw so nhabamma ano.

26 Nguanten bɛma wo adurade, na mmirekyi yɛ asase ti ade.

27 Na mmirekyi nufusu bɛdɔɔso ama w’aduan, ne wo fifo aduan, na wo mmabaa bɛmee.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan