Mmebusɛm 24 - KYERƐW KRONKRONBoasetɔ ne asomdwoepɛ 1 Mma wo ho mmpere wo abɔnefo ho, na mma wɔn ho tena nnnɔ wo kɔn, 2 na wɔn koma dwen ɔsɛe ho, na wɔn ano ka mmusu. 3 Wɔde nyansa na esi dan, na wɔde nhumu ma egyina, 4 na wɔnam nimdeɛ so de ahode aboɔdenne afɛfɛde nyinaa hyɛ mpia mama. 5 Ɔbarima nyansafo wɔ ahoɔden, na ɔba nimdefo ma ne tumi mu yɛ den. 6 Atɛmpa na fa kyerɛ wo sa, na nkonim wɔ agyinatufo dodow mu. 7 Nyansa korɔn dodo ma ogyimifo, ommue n’ano kurow pon mu. 8 Nea odwen bɔneyɛ ho no, wɔfrɛ no ɔkɔtwebrɛfo. 9 Agyimisɛm tirimmɔ yɛ bɔne, na nnipa akyide ne ɔfɛwdifo. 10 Wo nsa mu gow ahohia da mu a, w’ahoɔden sua. 11 Gye wɔn a wɔretwe wɔn akɔ owu mu, na sɛ wɔtɔ okum kwan so ntintan a, sianka wɔn ɛ. 12 Sɛ wuse: Hwɛ, yennim yi a, so nea ɔkari koma no nhu mu, na nea ɔkora wo kra no nnim? Na obetua onipa ka sɛ ne nneyɛe te. 13 Di ɛwo, me ba, na eye, ne ɛwokyɛm a ɛyɛ wo dodom dɛ; 14 saa na bu nyansa ma wo kra, sɛ wuhu a, ɛso ade bɛba daakye, na w’anidaso no, ɛrenyɛ ɔkwa. 15 Ɔbɔnefo, ntɛw ɔtreneeni fi, na nsɛe ne homebea. 16 Na mpɛn ason na ɔtreneeni hwe ase na ɔsɔre, na abɔnefo de, amanehunu hwe wɔn ase korakora. 17 Wo tamfo hwe ase a, mma w’ani nnnye, na ɔwatiriw a, mma wo koma nnni ahurusi, 18 na AWURADE anhu, na anyɛ n’ani so bɔne, na wannan n’abufuw amfi no so. 19 Mma wo bo nnhaw wo, nnebɔneyɛfo ho, na mma w’ani mmmere abɔnefo. 20 Na akyiri [asefo] nni hɔ mma ɔbɔnefo, abɔnefo kanea bedum. 21 Me ba, suro AWURADE ne ɔhene, mfa wo ho mfra amansofo, 22 na mpofirim na wɔn sɛe bɛba, na ɔsɛe a ebefi wɔn baanu hɔ no, ɛhena na onim? 23 Eyinom nso yɛ anyansafo dea. Atemmu mu animhwɛ nye. 24 Nea ose ɔbɔnefo sɛ: Woteɛ, no, nkurɔfo bɛdome no, na aman bo ahuru no; 25 na wɔn a wɔtwe aso no bedi yiye, na wɔn so na nhyira pa bɛba. 26 Nea ɔma mmuae a ɛteɛ no te sɛ nea ofew ano. 27 Siesie w’adwuma wɔ baabi, na yɛ w’asase so kua fa, na ɛno akyi woakyekye wo fi. 28 Nni wo yɔnko ho adanse hunu, na mfa w’ano nnaadaa 29 Nka se: Sɛ ɔyɛɛ me no, saa na mɛyɛ no, metua no nea wayɛ no so ka. 30 Mitwaa Onipa kwaadwofo afuw ne onipa a onni ti bobeturo ho, 31 na hwɛ, ne nyinaa afuw nsansono, na ahyehyensa akata ani, na ɛho abo fasu abubu agu. 32 Na mehwɛe, na midwen ho yiye; mihui, na minyaa mu suahu. 33 Nna kakra, nkotɔ kakra! Nsa a mɛpono mada kakra. 34 Ɛnna wo hia nam so bɛba sɛ odwowtwafo, ne w’ahokyere sɛ ɔkyɛmkurafo. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana