Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 20 - KYERƐW KRONKRON


Potwaa ne sadoi

1 Nsa yɛ ɔfɛwdifo, mmorosa yɛ otutupɛfo, na obiara a ɔtɔ mu ntintan no nhu nyansa.

2 Ɔhene ho hu te sɛ gyata mmobom, nea oyi no abufuw no yɛ ne kra bɔne.

3 Ɛyɛ ɔbarima anuonyam sɛ ɔtwe ne ho fi ɔham mu, na agyimifo de, wɔpɛ ntɔkwaw.

4 Awɔw nti Ɔkwadwofo mfɛtɛw, enti twabere mu ɔbɛhwehwɛ biribi, nso ɔrennya hwee.

5 Ɔbarima komam agyinatu te sɛ nsu a emu dɔ, nanso nea ɔwɔ nhumu bɛsaw.

6 Nnipa bebree ka wɔn ara adɔeyɛ, na onipa ɔnokwafo de, hena na obehu no?

7 Ɔtreneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu, wobehyira ne mma wɔ n’akyi.

8 Ɔhene a ɔte asenni agua so de n’aniwa huw bɔne nyinaa so.

9 Hena na ɔbɛka se: Matew me koma mu, me ho afi afi me bɔne ho?

10 Abrammo ahorow, susukorow ahorow, n’abien nyinaa yɛ AWURADE akyide.

11 Abofra po, wɔde ne nneyɛe na ehu no, sɛ n’adeyɛ bɛyɛ yiye na ateɛ.

12 Aso a ɛte ne aniwa a ehu, AWURADE na ɔyɛɛ n’abien nyinaa.

13 Mpɛ nna, na woanni hia, bue w’ani, na aduan bɛmee wo.

14 Ɛmfra, ɛmfra! Sɛ ɔtɔfo se ne no, na ɔdan ne ho kɔ a, na ɔhoahoa ne ho.

15 Sika wɔ hɔ, na nhene pa pii wɔ hɔ, na nimdeɛ ano yɛ adwinni a ne bo yɛ den.

16 Nea odi ɔhɔho agyinam no, fa ne ntama, na nea odi ɔnanani akagyinam no, gye no awowa.

17 Aduan a wɔnam nnaadaa so nya yɛ obi dɛ, nanso akyiri no, mmosea yɛ n’anom ma.

18 Wɔde agyinatu na ɛma tirimpɔw gyina, na fa atɛmpa kyere ɔsa.

19 Nea okyin di nseku no yi ahintasɛm adi, na mfa wo ho mmɔ okurokurofo ho.

20 Nea ɔdome n’agya ne ne na no, ne kanea bedum sum kabii mu.

21 Awunnyade a wɔapere ho anya mfiase no, akyi renwie nhyira.

22 Nka sɛ: Mɛhyɛ bɔne ananmu. Twɛn AWURADE, na ɔbɛboa wo.

23 AWURADE akyide ne abrammo ahorow, na nsisi nsenia nso nye.

24 Onipa anammɔntu fi AWURADE, na ɛbɛyɛ dɛn na onipa behu n’akwan mu?

25 Ɛyɛ afiri ma onipa sɛ ɔbɛpɛ ntɛm aka sɛ: Ɛyɛ ade kronkron, na ɔbɛhyɛ bɔ ansa na wabisabisa mu.

26 Ɔhene nyansafo huw abɔnefo so, na ɔde teaseɛnam nan fa wɔn so.

27 AWURADE kanea ne onipa ahome, ɛhwehwɛ yam mpia mu hwɛ.

28 Adɔe ne nokware hwɛ ɔhene so, na adɔe so na n’agua tim.

29 Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden, na nkwakoraa ahoɔfɛ ne dwen.

30 Akuturuku a epira popa bɔne, na ɔhwe popa yafunu mpia mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan