Mmebusɛm 2 - KYERƐW KRONKRONNyansahu mu nhyira 1 Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, 2 sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa, na woakom wo koma ama ntease, 3 yiw, sɛ wusu frɛ nhumu, na woma wo nne so frɛ ntease, 4 sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a, 5 ɛno na wubehu AWURADE suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ. 6 Na AWURADE na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne ntease fi ba. 7 Ɔkora nyansahu ma teefo, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ, 8 sɛ ɔbɛkari atemmu akwan, na wahwɛ n’ahotefo kwan so. 9 Ɛno na wubehu trenee ne atemmu ne ade a ɛteɛ ne ɔkwan pa nyinaa mu. 10 Sɛ nyansa ba wo koma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a, 11 adwempa bɛhwɛ wo so, na ntease abɔ wo ho ban, 12 na ayi wo afi bɔne kwan mu, ne onipa a ɔka akɔntɔnkyesɛm ho, 13 afi wɔn a wogyaw trenee akwan kɔnantew sum akwan so no ho, 14 wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho, wodi bɔne akɔntɔnkyesɛm ho ahurusi, 15 wɔn a wɔn atempɔn kyeakyea, na wɔn akwan dannan. 16 Na ayi wo afi ɔbea sansani nsam, afi ɔbea sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm no nsam; 17 ɔno na wapa ne mmabaabere mu kunu, na ne werɛ afi ne Nyankopɔn apam; 18 na ne fi kom kɔ owu mu, na n’akwan kɔ nsamanfo mu: 19 Wɔn a wɔkɔ ne ho mu biara nsan, na wɔrensi nkwa akwan mu. 20 Na woafa nnipa pa kwan so, na woadi treneefo kwan so. 21 Na teefo na ɛbɛtena asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtena mu; 22 na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana