Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 19 - KYERƐW KRONKRON


Trenee hia

1 Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu ye sen nea ɔkyea n’anom nsɛm na ɔyɛ ɔkwasea.

2 Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nye, na nea ne nan ase yɛ hare no yɛ bɔne.

3 Onipa agyimisɛm dannan ne kwan, na ne koma huru hyɛ AWURADE.

4 Ahonyade ma obi nya nnamfo pii, na ɔbrɛfo ne ne yɔnko ntam tetew.

5 Ɔdansekurumfo ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na nea ohuw atosɛm no rennya aguanye.

6 Nnipa pii dɛfɛdɛfɛ ɔdɛɛfo, na nnipa nyinaa yɛ ɔyamyefo nnamfo.

7 Ohiani nuanom nyinaa tan no, na mpɛn ahe na ne nnamfonom ne no ntam rempan; ɔde nsɛm tiw wɔn a, ɔnto wɔn.

8 Nea onya nyansa no dɔ ne kra, nea obu nhumu no, ohu papa.

9 Ɔdansekurumfo ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na nea ohuw atosɛm no bɛyera.

10 Taamudi mfata ɔkwasea, na menne sɛ akoa bedi mpanyimfo so.

11 Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase, na mfomso ho twa yɛ no anuonyam.

12 Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wura so bosu.

13 Ɔba kwasea yɛ n’agya mmusu, na ɔbea atutupɛ yɛ daa nsosɔe.

14 Ofi ne ahode yɛ agyanom awunnyade, na ɔyere nimdefo fi AWURADE.

15 Anihaw yɛ nnahɔɔ, na ɔkra kwaadwofo bedi kɔm.

16 Nea ɔkora mmara asɛm no kora ne kra, na nea ɔnhwɛ n’akwan yiye no bewu.

17 Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm AWURADE, na nea ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.

18 Anidaso wɔ hɔ yi, teɛ wo ba, na mmɔ wo tirim sɛ wubekum no.

19 Nea n’abufuw so no benya asotwe, na sɛ wugyaa no a, wobɛsan agyaa no bio.

20 Tie afotu na gye nteɛso, na woahu nyansa w’akyiri nna mu.

21 Adwene pii wɔ onipa komam, nanso AWURADE agyinatu na ebegyina.

22 Onipa adɔeyɛ na ɛma wɔdɔ no, na ohiani ye sen ɔtorofo.

23 AWURADE suro de kɔ nkwa mu, nea okura mu no bɛmee ada, na bɔne bi renka no.

24 Ɔkwadwofo de ne nsa to asanka mu, na ɔnsan mfa nkɔ n’anom po.

25 Bɔ ɔfɛwdifo, na atetekwaa ani bɛtew, na ka nhumufo anim, na wahu nimdeɛ mu.

26 Nea ɔbɔ n’agya atirimmɔden na ɔpam ne na no yɛ aniwu ne ahohora ba.

27 Me ba, sɛ wugyae nteɛso tie a, na wobɛfom afi nimdeɛ nsɛm ho!

28 Ɔdansehuhufo di atemmu ho fɛw, na abɔnefo ano mene mmusu.

29 Wɔasiesie atemmu ama afɛwdifo ne mmaa ama nkwasea akyi.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan