Mmebusɛm 18 - KYERƐW KRONKRONAdamfofa ne asomdwoepɛ 1 Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa, na ade pa biara ho yɛ no ahi. 2 Ɔkwasea nni nhumu ho anika, na mmom sɛ obeyi ne koma adi. 3 Ɔbɔnefo ba a, animtiaabu nso ba, na adapaa ne ahohora na ɛnam. 4 Ɔbarima anom nsɛm te se nsu a emu dɔ, nyansa abura te sɛ asuten a ɛba yiye. 5 Enye sɛ wɔhwɛ ɔbɔnefo anim, na wɔdan ɔtreneeni asɛm ani, atemmu mu. 6 Ɔkwasea ano ma ntɔkwaw ba, na n’afono frɛfrɛ asotɔre. 7 Ɔkwasea ano ne ne sɛe, na n’anofafa ne ne kra afiri. 8 Osututufo nsɛm te sɛ mfremfremade, na esian kɔ ɔyafunu mpia mu. 9 Nea ɔtoto n’adwuma ase nso, ɔdesɛefo nua ne no. 10 Abannennen ne AWURADE din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no. 11 Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den, na ɛte sɛ ɔfasu a ɛkorɔn n’adwene mu. 12 Nea edi ɔsɛe anim ne sɛ ɔbarima koma ma ne ho so, na nea edi anuonyam anim ne ahobrɛase. 13 Nea obua asɛm ansa na ɔte no, ɛyɛ agyimisɛm ne aniwu ma no. 14 Onipa honhom tumi soa ne yare, na honhom a abotow de, hena na obetumi asoa? 15 Nhumufo koma nya nimdeɛ, na anyansafo aso hwehwɛ nimdeɛ akyi kwan. 16 Onipa ayɛyɛde bɔ ɔkwan ma no, na ɛde no ba nnipa akɛse anim. 17 Nea ɔbɔ ne nkuro kan yɛ sɛ ɔtreneeni kosi sɛ ne yɔnko ba bɛpɛɛ no mu. 18 Ntonto pata atutuw, na ɛpae atumfo ntam. 19 Onua a wɔafom no sen kurow dennen, na atutuw te sɛ abankɛse akyi adaban. 20 Ɔbarima anom aba ma ne yafunu mee, n’anom nnɔbae mee no. 21 Owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam, na nea ɔdɔ no no bedi n’aba. 22 Nea wanya ɔyere no anya adepa, na wanya AWURADE hɔ anisɔ. 23 Kyɛwpa na ohiani de kasa, na ɔdefo bua asɛnnennen. 24 Nea ɔfa nnamfo pii no de sɛe n’ankasa ne ho, nanso na adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana