Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 17 - KYERƐW KRONKRON


Ɔkasa mu nyansa ne nkwaseasɛm

1 Aduan wesee a asomdwoe wɔ mu ye sen ofi a afɔrebɔde a wɔko ho ayɛ no ma.

2 Akoa nimdefo bedi ɔba a ɔyɛ aniwude so, na obenya agyapade mu kyɛfa, anuanom mu.

3 Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika; na AWURADE na ɔsɔ koma hwɛ.

4 Bɔneyɛfo tie ahuhude ano, ɔtorofo yɛ aso ma mmusubɔ tɛkrɛma.

5 Nea oyi ohiani ahii bɔ ne yɛfo ahohora, nea n’ani gye amane ho no, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.

6 Nkwakoraa abotiri ne mma mma, na mma anuonyam ne wɔn agyanom.

7 Ɔkasatraso mfata ogyennyentwi, na menne sɛ atoro ano bɛfata ɔdehye.

8 Ayɛyɛ te sɛ aboɔden bo, nea onyae ani so, baabiara a ɛfa no ɛma ɛyɛ yiye.

9 Nea ɔkata mfomso so no hwehwɛ ɔdɔ, na nea oti asɛm mu no tetew nnamfo ntam.

10 Nkaanim hyɛn nhumufo mu kyɛn sɛ mmaa ɔha hyɛn ɔkwasea mu.

11 Atuatew nko na ɔbɔnefo hwehwɛ, na wɔbɛsoma ɔbɔfo tirimmɔdenfo akɔ no so.

12 Ma osisi a wɔafa ne mma nhyia wo mmom, na ɛnyɛ ɔkwasea n’agyimisɛm mu.

13 Nea ɔde bɔne hyɛ papa ananmu no, bɔne rempa ne fi da.

14 Atutuw mfiase te sɛ nsu ano tue, enti ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.

15 Nea obu ɔbɔnefo bem ne nea obu ɔtreneeni fɔ no, AWURADE akyide ne wɔn baanu nyinaa.

16 Ɛdɛn nti na sika wɔ ɔkwasea nsam, sɛ ɔde bɛtɔ nyansa, bere a onni ti?

17 Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.

18 Onipa a onni ti na odi akagyinam, na odi ne yɔnko agyinam.

19 Nea ɔpɛ atutuw no pɛ mmarato, nea ɔma ne dan ano korɔn no hwehwɛ abu.

20 Komam kɔntɔnkyefo nhu papa, na tɛkrɛma dannanfo hwe bɔne mu.

21 Nea ɔwo ɔkwasea no, ɔwo nya awerɛhow, na anigye bi nni hɔ mma ogyennyentwi agya.

22 Anigye koma yɛ aduru pa, na honhom a abotow yow nnompe mu.

23 Ɔbɔnefo gye ayɛyɛde fi kokoam, sɛ ɔrebɛdan atemmu akwan ani.

24 Nyansa wɔ nhumufo anim, na ɔkwasea de, n’aniwa da asase ano noho.

25 Ɔba kwasea hyɛ n’agya awerɛhow ne ne na a ɔwoo no ahometew.

26 Sɛ wodi ɔtreneeni kasa a, enye, na sɛ wɔhwe adɛɛfo a, enye koraa.

27 Nea ɔkyɛe ne nsɛm hu nimdeɛ, na nea ne honhom dwo yɛ nhumu nipa.

28 Ogyimifo po, omua n’ano a, wobu no nyansafo, Yiw, na nea ɔka n’ano tom no, wobu no ɔbadwemma.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan