Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 16 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn hu nnipa nneyɛe

1 Komam nsiesiei yɛ onipa dea, na tɛkrɛma mmuae fi AWURADE.

2 Onipa akwan nyinaa so tew n’ani so, na ahonhom karifo ne AWURADE.

3 Fa wo nnwuma hyɛ AWURADE nsa, na w’adwene betim.

4 AWURADE yɛ ade nyinaa ma biribi, ɔbɔnefo mpo ma da bɔne.

5 Koma mu kwasiarefo nyinaa yɛ AWURADE akyide, ampa ara, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.

6 Wɔde adɔe ne nokware kata amumɔyɛ so, na wɔde AWURADE suro kwati bɔne.

7 Sɛ onipa akwan sɔ AWURADE ani a, ɔma n’atamfo po ne no ntam ba asomdwoe.

8 Trenee mu ade ketewa ye sen nnɔbae pii a emfi trenee mu.

9 Onipa koma na edwen ne kwan ho, na AWURADE na ɔtaataa n’anammɔn.

10 Nkɔmhyɛ wɔ ɔhene anom, atemmu mu nso n’ano mfom.

11 Abrammo ne nsenia tee yɛ AWURADE dea, fotow mu abo nyinaa yɛ ne nnwuma.

12 Ahemfo akyide ne abɔnefosɛm di, na trenee mu na agua tim.

13 Ahemfo anisɔde ne ano trenee, na nea ɔka nea ɛteɛ no, ɔdɔ no.

14 Ɔhene anibere yɛ owu bɔfo, na ɔba nyansafo pata no.

15 Ɔhene animtew mu na nkwa wɔ, na n’anisɔ te sɛ adommere mu mununkum.

16 Nyansa nya ye sen sika dɛn ara, na nhumu nya sɛ sɛ wɔpaw sen dwetɛ.

17 Teefo tempɔn ne bɔne kwati, nea ɔhwɛ ne kwan kora ne kra so.

18 Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.

19 Eye sɛ wo ne abrɛfo nya ahobrɛase honhom sen sɛ wo ne ahokyerɛfo bɛkyɛ asade.

20 Nea odwen asɛm so no hu papa, na nhyira ne nea ɔde ne ho to AWURADE so.

21 Wɔfrɛ komam nyansafo sɛ nhumufo, na ano dɛdɛ ma adenim dɔ.

22 Nimdeɛ yɛ nkwa nsuti ma nea ɔwɔ, na agyimifo asotwe ne wɔn agyimisɛm.

23 Onyansafo koma kyerɛ n’ano nimdeɛ, na ɛma adenim dɔ n’anom.

24 Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwokyɛm, ɔkra adɔkɔdɔkɔde ne nnompe akwahosan.

25 Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan.

26 Odwumayɛfo kɔm yɛ adwuma ma no, efisɛ n’ano pia no.

27 Obusuyɛfo bɔre bɔne, na n’ano te sɛ ogya a ɛhyehye.

28 Onipa kɔntɔnkye hyɛ takrawogyam, na osututufo tetew nnamfo ntam.

29 Omimdifo sisi ne yɔnko, na ɔde no fa ɔkwan a enye so.

30 Nea omua n’ani dwen akɔntɔnkyesɛm ho, ɔwe n’ano wie bɔneyɛ.

31 Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.

32 Nea ne bo kyɛ fuw no yɛ sen dɔmmarima, na nea odi ne honhom so no sen nea ɔko fa kurow.

33 Kokom na wɔtwe ntonto, na ɛho atemmu nyinaa fi AWURADE.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan