Mmebusɛm 15 - KYERƐW KRONKRONNkwagye ne ɔsɛe 1 Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu. 2 Anyansafo tɛkrɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ, na nkwasea ano woro agyimisɛm. 3 AWURADE aniwa wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefo ne apapafo. 4 Tɛkrɛmabere yɛ nkwa dua, na emu kyea yɛ honhom mu mmubui. 5 Ogyimifo tew n’agya nteɛso ahi, na nea obu nkaanim no ani bɛtew. 6 Ɔtreneeni fi wɔ ahode pii, na ɔbɔnefo nnɔbae mu wɔ anitane. 7 Anyansafo ano pete nimdeɛ, na nkwasea koma ntim. 8 Abɔnefo afɔre yɛ AWURADE akyide, na teefo mpaebɔ yɛ n’anisɔde. 9 Ɔbɔnefo kwan yɛ AWURADE akyide, na trenee akyidifo na ɔdɔ no. 10 Nteɛso a ano yɛ den bɛba nea ogyaw ɔkwan pa no so, na nea okyi animka no bewu. 11 Asaman ne ɔsɛe amoa wɔ AWURADE anim, na menne nnipa mma koma. 12 Ɔfɛwdifo nnɔ nea ɔka n’anim, ɔnkɔ anyansafo nkyɛn. 13 Anigye koma ma anim tew, na komam awerɛhow bubu honhom. 14 Nhumufo koma hwehwɛ nimdeɛ, na nkwasea ano di agyimisɛm. 15 Ɔmanehunufo nna nyinaa yɛ bɔne, na koma pa te sɛ daa apontow. 16 AWURADE suro mu ade ketewa ye sen ahode pii a ɔhaw wɔ mu. 17 Fam aduan a ɔdɔ wɔ mu ye sen nantwi a wadɔ na ɔtan wɔ mu. 18 Obufufafo hwanyan atutuw mu, na abodwokyɛrefo pata akayɛ. 19 Onihawfo kwan te sɛ nsɔe ban, na teefo kwan yɛ petee. 20 Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye, na onipa kwasea bu ne na animtiaa. 21 Agyimisɛm yɛ nea onni ti anigye, na ɔbadwemma teɛ ne nantew. 22 Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa, na agyinatufo pii mu na ebegyina. 23 Onipa anom mmuae yɛ anigye ma no, na asɛm a wɔka ne bere mu, eye dɛn ara! 24 Nkwa kwan kɔ ɔsoro ma onimdefo, na wakwati asaman a ɛwɔ ase no. 25 AWURADE dwiriw ahantanfo fi, na ɔhyɛ okunafo hye so den. 26 Ɔbɔne adwene yɛ AWURADE akyide, na nsɛm a ɛyɛ dɛ ho tew. 27 Amim mu mfasopɛfo sɛe ne fi, na nea okyi akyɛde bɛtena ase. 28 Ɔtreneeni koma dwen mmuae ho, na abɔnefo ano woro nsɛmmɔne. 29 AWURADE ne abɔnefo ntam ware, na treneefo mpaebɔ de, otie. 30 Aniwa so tew ma koma tɔ yam, na atesɛm pa ma nnompe mu ba hon. 31 Aso a etie nkwa animka no, ɛbɛtena anyansafo mu. 32 Nea ɔpo nteɛso no pa ne kra, na nea otie animka no hu nyansa. 33 AWURADE suro ne nyansa nteɛso, na ahobrɛase di anuonyam anim. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana