Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 14 - KYERƐW KRONKRON


Onipa daa asetena mu nyansa

1 Ɔbea nyansafo si ne dan, na ɔbea kwasea de ne nsa dwiriw.

2 Nea ɔnantew ne teeyɛ mu no suro Awurade, na nea ɔkyea n’akwan no tew no ahi.

3 Ogyimifo anom na n’ahokyerɛ abaa wɔ, na anyansafo ano kora wɔn so.

4 Nea anantwi nni hɔ no, adidide nso nni hɔ, na nnɔbae pii wɔ nantwinini ahoɔden mu.

5 Ɔdansefo nokwafo renni atoro, na ɔdansekurumfo huw atosɛm.

6 Ɔfɛwdifo hwehwɛ nyansa, na onnya, na nimdeɛ nyɛ nhumufo nyana.

7 Fi ɔba kwasea nkyɛn kɔ, na worenhu nimdeɛ wɔ n’anom.

8 Onitefo nyansa ne sɛ ohu ne kwan mu, na nkwasea agyimisɛm yɛ nnaadaa.

9 Agyimifo asodi ho afɔre yɛ ɔkwa, na teefo mu na anisɔ wɔ.

10 Koma nim ne kra awerɛhow, na n’anigye nso, ɔhɔho mfa ne ho mfra mu.

11 Abɔnefo fi bebutuw, na teefo ntamadan bɛfefɛw.

12 Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan.

13 Ɔserew mu po koma hu yaw, na anigye no awiei yɛ awerɛhow.

14 Komam kyirisanfo akwan bɛmee no, na onipa pa nso ade bɛmee no.

15 Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.

16 Onyansafo suro, na ɔsan fi bɔne ho, na ɔkwasea de n’ahodaso fa mu.

17 Nea ne bo nkyɛ fuw di agyimisɛm, na onipa a ɔpam apammɔne, wɔtan no.

18 Ntetekwaa ade a wodi ne agyimisɛm, na anitefo de nimdeɛ hyehyɛ wɔn ho.

19 Abɔnefo bɛbrɛ wɔn ho ase apapafo anim, na abɔnefo akotow treneefo mmobowano.

20 Ohiani de, ne yɔnko po tan no, na ɔdefo adɔfo dɔɔso.

21 Nea obu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne, na nhyira ne nea ohu amanehunufo mmɔbɔ.

22 So wɔn a wɔbɔre asɛmmɔne mfom anaa? Na ɔdom ne nokware wɔ wɔn a wɔbɔre asɛmpa.

23 Ɔbrɛ nyinaa mu wɔ nnɔbae, na anosɛm de, ohia ara nko.

24 Anyansafo abotiri ne wɔn ahode, nkwasea agyimisɛm yɛ agyimisɛm ara nko.

25 Nokware dansefo gye nnipa nkwa, na nea ohuw atosɛm twa nkontompo.

26 Awurade suro mu wɔ ahodaso a emu yɛ den, na ɔbɛyɛ guankɔbea ama ne mma.

27 Awurade suro yɛ nkwa nsuti, na wɔde fi owu afiri mu.

28 Ɔman dodowyɛ mu na ɔhene anuonyam wɔ, na nkurɔfo sa a, ɛma otitiriw sɛe.

29 Nea n’abufuw yɛ nyaa no wɔ ntease pii, na honhom mu katirikatirifo ma agyimisɛm so.

30 Komam dwo yɛ ɔhonam nkwa, na nitan yɛ nnompe mu porɔw.

31 Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so no bɔ ne yɛfo ahohora, na nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ no anuonyam.

32 Wosum ɔbɔnefo kyene, ne bɔneyɛ mu, na ɔtreneeni wɔ ne wu mu anidaso.

33 Nyansa te nhumufo komam, na nea ɛwɔ nkwasea mu beda adi.

34 Trenee ma ɔman so, na bɔne yɛ ahohorade ma ɔman biara.

35 Ɔhene ani sɔ akoa nimdefo, na ne bo fuw nea ɔyɛ aniwude.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan