Mmebusɛm 13 - KYERƐW KRONKRONNyansa ne nkwaseasɛm 1 Ɔba nyansafo tie agya nteɛso, na ɔfɛwdifo ntie ntwiwanim. 2 Onipa anom aba so na odi nnepa, na nea nkontompofo kra pɛ ne mmusu. 3 Nea ɔkora n’ano hwɛ ne kra so, nea ɔtɛɛ n’anom nya ɔsɛe. 4 Onihawfo kra kɔn dɔ, na onnya, na nsiyɛfo kra bɛdɔ srade. 5 Ɔtreneeni tan atosɛm, na abɔnefo yɛ aniwude ne ahohorade. 6 Trenee kora nea ne kwan yɛ pɛ, na abɔnefosɛm butuw ɔdebɔneyɛfo. 7 Obi yɛ ne ho defo, nso na onni hwee, obi nso yɛ ne ho hiani, nso na ɔwɔ ade pii. 8 Obi kra nnwensa ne n’ahonyade, na ohiani de, ɔnte ntwiwanim. 9 Treneefo hann dɛw anigye, na abɔnefo kanea bedum. 10 Ahantan de atutuw nko na ɛba, na wɔn a wotie afotu, nyansa ne wɔn te. 11 Ahonyade a efi ahuhude mu sua, na nea ɔde ne nsa ano boaboa ano no ma ɛdɔ. 12 Anidaso a ɛkyɛ muba ma koma yare, na anigyinade a ɛba mu yɛ nkwa dua. 13 Nea obu asɛm animtiaa de ɔsɛe ba ne ho so, na nea osuro mmara no, obenya akatua. 14 Onyansafo kyerɛ yɛ nkwa asuti, ɛno na ɔde befi owu afiri mu. 15 Nimdeɛ pa ma onipa anim ba nyam, na nkontompofo kwan yɛ aboabo. 16 Onitefo yɛ n’ade nyinaa nimdeɛ mu, na ɔkwasea trɛw n’agyimisɛm mu. 17 Ɔbɔfo bɔne hwe amane mu, na ɔsomafo nokwafo sa ɔyare. 18 Ohia ne aniwu ka nea ɔpa nteɛso, na nea obu animka no nya anuonyam. 19 Akɔnnɔde a adɔ kɔn yɛ ɔkra dɛ, na bɔne mu fi yɛ nkwasea akyide. 20 Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane. 21 Bɔne tiw nnebɔneyɛfo, na treneefo de, ɔde papa tua wɔn ka. 22 Onipa pa gyaw n’ade ma mma mma, na ɔdebɔneyɛfo ahonyade de, wotia ma ɔtreneeni. 23 Ahiafo adɔw ma aduan pii ba, nanso atɛntrenee nni hɔ a, wɔpra kɔ. 24 Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛmso. 25 Ɔtreneeni bedidi ma ne kra amee, na abɔnefo yafunu bɛda mpan. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana