Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 12 - KYERƐW KRONKRON


Onyansafo ne ɔkwasea su

1 Nea ɔdɔ nteɛso dɔ nimdeɛ, na nea ɔtan animka yɛ aboa.

2 Onipa pa nya AWURADE anim anisɔ, na onipa busuyɛfo de, obu no fɔ.

3 Onipa remfa abɔnefosɛm so ntim, na treneefo ntini renhim.

4 Ɔyerepa yɛ ne kunu abotiri, na nea ɔka aniwusɛm te sɛ nnompe mu porɔw.

5 Treneefo adwene teɛ, na abɔnefo agyinatu yɛ nkontompo.

6 Abɔnefo nsɛm yɛ mogyatɛw, na teefo ano beyi wɔn.

7 Wobutuw abɔnefo, na wonni hɔ, na treneefo fi begyina.

8 Onipa nimdeɛ so na woyi no ayɛ, na nea wakyea ne koma no anim begu ase.

9 Nea wommu no nanso ɔwɔ akoa no ye sen nea ɔhyehye ne ho na n’aduan bɔ no.

10 Ɔtreneeni nim n’afieboa kra, na abɔnefo ayamye yɛ atirimmɔden.

11 Nea ɔdɔw n’asase no didi mee, na nea odi nsɛnhunu akyi nni ti.

12 Ɔbɔnefo pɛ nea nnipa bɔne anya, na treneefo ntini bɛsow aba.

13 Ano mfomso yɛ afiri ma ɔbɔnefo, na ɔtreneeni befi ahohia mu.

14 Onipa anom aba na ɔde bedi papa amee, na onipa nsa ano ade na wɔbɛdan ama no.

15 Ogyimifo kwan teɛ n’ani so, na nea otie afotu yɛ onyansafo.

16 Ogyimifo abohuru da adi ntɛm ara, na onitefo kata aniwu so.

17 Nea ɔka nokware no ka nea ɛteɛ, na ɔdansekurumfo ne, nkontompo.

18 Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare.

19 Nokware ano tim hɔ daa, na atoro tɛkrɛma nkyɛ koraa.

20 Nnaadaa wɔ wɔn a wodwen bɔne koma mu, na asomdwoe ho afotufo nya anigye.

21 Mmusu biara rento ɔtreneeni, na amane bɛhyɛ abɔnefo ma.

22 AWURADE akyide ne atoro ano, na wɔn a wodi nokware sɔ n’ani.

23 Onipa nitewfo kora nimdeɛ so, na nkwasea koma pae agyimisɛm mu.

24 Nsiyɛfo nsa bedi panyin, na anihaw nsa beyi tow.

25 Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam.

26 Ɔtreneeni kyerɛ ne yɔnko kwan, na abɔnefo kwan ma wɔfom.

27 Onihawfo nsa nka ne hanam, na nsiyɛfo nya onipa ade a ne bo yɛ den.

28 Trenee kwan so na nkwa wɔ, na akwatikwan de kɔ owu mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan