Mmebusɛm 11 - KYERƐW KRONKRONTeefo ahotɔ ne abɔnefo ahoyeraw 1 Nsisi nsenia yɛ AWURADE akyide, na abrammokwanmu yɛ no anisɔ. 2 Ahantan ba a, na aniwu ba, na ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te. 3 Teefo pɛyɛ begya wɔn, na nkontompofo nnaadaa bɛsɛe wɔn. 4 Adedodow nye mma hwee abufuw da, na trenee gye onipa fi owu mu. 5 Pɛyɛfo trenee bɛteɛ ne kwan, na ɔbɔnefo bɛhwe ase n’abɔnefosɛm mu. 6 Teefo trenee begye wɔn, na nkontompofo mmusubɔ mu na wɔbɛkyere wɔn. 7 Onipa bɔne wu a, n’anidaso yera, na amumɔyɛfo kwanhwɛ yera. 8 Wobeyi ɔtreneeni afi ahohia mu, na ɔbɔnefo abesi n’ananmu. 9 Nyaatwomni de n’ano sɛe ne yɔnko, na treneefo nimdeɛ na wɔde beyi wɔn. 10 Treneefo di yiye a, ɔman ho san wɔn, na abɔnefo sɛe a, wohuro. 11 Teefo nhyira na ɛma kurow so, na abɔnefo anom nsɛm na ɛbɔ kurow no. 12 Nea oyi ne yɔnko ahii nni ti, na ɔbadwemma mua n’ano. 13 Osekufo nenam yi ahintasɛm adi, na nea ɔwɔ nokware honhom kata asɛm so. 14 Nea akwankyerɛ nni no, ɔman hwe ase, na ɔmannwoe wɔ agyinatufo dodow mu. 15 Nea odi hɔho agyinam no, ebewie no bɔne, na nea ɔtan akagyinam no asom dwo no. 16 Ɔbea a n’anim tew nya anuonyam, na ɔhoɔdenfo nya ahonyade. 17 Ɔyamyefo yɛ ne kra yiye, na otirimmɔdenfo haw n’ankasa honam. 18 Ɔbɔnefo yɛ adwuma hunu, na nea ogu trenee no nya nokware akatua. 19 Nea otim trenee mu no kɔ nkwa mu, na nea otiw bɔne no nya owu. 20 AWURADE akyide ne koma kɔntɔnkyefo, na wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ sɔ n’ani. 21 Ampa ara ɔbɔnefo renni bem; na treneefo asefo de, wobegye wɔn. 22 Sɛ sika adwinni te, prako hwene mu no, sɛ ɔbea hoɔfɛfo a onnim nea ɛfata te ne no. 23 Treneefo ade a wɔpɛ yɛ papa nko; abɔnefo anidaso dan wɔn abufuw. 24 Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so dɔ ara; na obi kyɛe so tena so, nanso ehia no ara. 25 Ɔyamyefo bɛdɔ srade, na nea ɔma ebinom mee nso bɛmee. 26 Nea ɔkora aburow so no, nkurɔfo dome no, na nhyira ba nea ɔtɔn no so. 27 Nea ɔpɛ papa akyi kwan no hwehwɛ anisɔ, na nea odi bɔne akyi no, ɛba no so. 28 Nea ɔde ne ho to n’ahonyade so no bɛhwe ase, na treneefo bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahaban. 29 Nea ɔhaw ne fi bedi mframa, na ogyimifo bɛyɛ komam nyansafo akoa. 30 Ɔtreneeni aba yɛ nkwa dua, na onyansafo gye akra, 31 Hwɛ, sɛ wotua ɔtreneeni ka asase so a, na menne ɔbɔnefo ne ɔdebɔneyɛfo. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana