Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 1 - KYERƐW KRONKRON


Nyansa frɛ

1 Israel hene Solomon, Dawid ba no, mmebusɛm ni:

2 Sɛ wɔmfa nhu nyansa ne nteɛso, sɛ wɔmfa nhu nhumu nsɛm mu;

3 sɛ wɔmfa nnye nimdeɛ nteɛso, trenee, atemmu ne ade a ɛteɛ;

4 sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa anitew, aberante nso nimdeɛ ne adwempa.

5 Na onyansafo ntie, na n’adenim nnɔɔso, na onimdefo mfa nnya atɛmpa:

6 Sɛ wɔmfa nhu abebusɛm ne akasabebui, anyansafo nsɛm ne wɔn mmɛ mu.

7 AWURADE suro ne nimdeɛ mfiase; nkwaseafo bu nyansa ne nteɛso animtiaa.

8 Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara;

9 na ɛyɛ wo ti anuonyam abotiri ne wo kɔn mu ntweaban.


Nnyigye ho kɔkɔbɔ

10 Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo gyigye wo a, mpene!

11 Sɛ wose: Bra ma yenkobuw mogya, ma yɛnkɔtɛw nea odi bem kwa;

12 ma yɛmmemmene wɔn anikan sɛ asaman, ne pɛyɛfo sɛ wɔn a wosian kɔ amoa mu;

13 yebenya ade a ne bo yɛ den nyinaa, yɛde asade bɛhyɛ yɛn afi ma.

14 Fa wo kyɛfa bɛbɔ yɛn de mu, yɛn nyinaa benya kotoku biako.

15 Me ba, wo ne wɔn nnnantew ɔkwan so. Twe wo nan fi wɔn sa so.

16 Na wɔn nan tu mmirika kɔ bɔne mu, na wɔpɛ ntɛm hwie mogya gu.

17 Na ɔkwa ara na wɔasum afiri ntakraboa nyinaa anim;

18 na wɔn de, wɔn ankasa mogya na wobuw, wɔtɛw wɔn ankasa kra.

19 Saa, na amim mu mfasopɛfo nyinaa akwan te, ɛfa ne wuranom kra kɔ.


Asoɔden so asotwe

20 Nyansa teɛm mmorɔn so, ɔma wɔte ne nne mmɔnten so;

21 ɔteɛm aguabirim ti, ɔka ne nsɛm, kurow apon ano, kurow no mu sɛ:

22 Da bɛn ara na mo ntetekwaa, mobɛpɛ ntetekwaasɛm akosi? Na afɛwdifo bɛpɛ wɔn fɛwdi, na nkwasea akyi nimdeɛ?

23 Monnan mo ho mma me kasakyerɛ. Hwɛ, mɛworo me honhom mama mo, mɛma moahu me nsɛm.

24 Sɛ mafrɛ, na mokame, mateɛ me nsam, na obi mfa nyɛ hwee,

25 na motow m’afotu nyinaa kyene, na me kasakyerɛ no, mompɛ nti,

26 me nso mɛserew mo, mo amane mu, mo ahopopo bɛba no, meyi mo ahi.

27 Mo ahopopo ba sɛ ɔprannaa, na mo amane ba sɛ ahum, ahohia ne ahokyere ba mo so a,

28 ɛno na wɔbɛfrɛ me, na merennye so, wɔbɛhwehwɛ me ahema, na wɔrenhu me.

29 Esiane sɛ wokyi nimdeɛ, na wɔampɛ AWURADE suro,

30 wɔampɛ m’afotu, na wɔpoo me kasakyerɛ nyinaa,

31 enti wobedi wɔn kwan so aba, na wɔn agyina a wotutui amee wɔn.

32 Na ntetekwaa akyirisan bekum wɔn, na nkwasea yiyedi bɛsɛe wɔn.

33 Na nea otie me no de ɔbɛtena hɔ komm, na ne ho adwo no a onsuro sɛ amane reba.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan