Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mika 7 - KYERƐW KRONKRON


Nnipa pa nnɔɔso

1 Minnue, na mayɛ sɛ nnuabatew, sɛ bobe aba mpɛpɛwadi, bobe kasiaw a medi, borɔdɔmakan a me kɔn dɔ no bi nni hɔ.

2 Nnipa pa ayera afi asase so; teefo nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛw mogya, wosunsum wɔn nuanom afiri.

3 Wɔn nsa nim bɔneyɛ yiye; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufo pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛse ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, na wɔbom susuw bɔne.

4 Wɔn mu nipa pa te sɛ ohwirom, wɔn mu teefo sen nsɔe ban. W’awɛmfo da no, w’asotwe aba, ɛno na wɔn sakasakayɛ bedu.

5 Munnnye adamfo nnni, mommfa mo ho nnto ɔyɔnko so; ɔbea a ɔda wo koko mu mpo no, ne ho na wɛn w’ano.

6 Na ɔbabanin bu n’agya ɔsesafo, ɔbabea sɔre hyɛ ne na, osew sɔre hyɛ n’ase, onipa fifo yɛ n’atamfo.


Anidaso ne adesrɛ

7 Na me de, AWURADE na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no; me Nyankopɔn betie me.

8 Me tamfo, mma w’ani nnnye me ho; na mahwe ase a, mɛsɔre; na mete sum mu a, AWURADE ne me hann.

9 Mɛsoa AWURADE abufuhyew no, efisɛ mayɛ no bɔne, de akosi sɛ ɔbɛham me ham ama me, na wabu atɛn ama me; obeyi me afi sum mu aba hann mu; mɛhwɛ ne trenee no.

10 Na me tamfo behu, na aniwu abɛkata no so, ɔno a ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛhe na wo Nyankopɔn no wɔ no? Mede m’ani mɛhwɛ no, afei wobetiatia no so sɛ mmorɔn so dɔte.

11 Ɛda a wɔbɛto wo fasu no reba; ɛda no na wobetwiw wo hye akɔ akyirikyiri.

12 Ɛda no na wobefi Asaria ne Misraim nkurow mu aba, na wobefi Misraim akosi asu no ano, afi po ne po, bepɔw ne bepɔw ntam aba.

13 Na asase no bɛdan amamfo ɛsofo no nti, wɔn nneyɛe so aba no nti.

14 Fa wo poma yɛn wo man, w’agyapade nguan a wɔn nko te kwaem, a asase pa atwa ho ahyia no; ma wonnidi Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.

15 Mɛma wɔahu anwonwade sɛ nna a wufii Misraim asase so bae no.

16 Amanaman behu, na wɔn ani awuwu wɔn mmaninne nyinaa ho; wɔde wɔn nsa betuatua wɔn ano, na wɔn aso nso besisiw;

17 wɔbɛtaforo mfutuma sɛ ɔwɔ, sɛ mmoa a wɔtwe wɔn ho ase, wɔde ahopopo befi wɔn hintabea aba; wɔde ahohim bɛbɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wɔasuro w’anim.


Onyankopɔn dom mu ahotoso

18 Hena ne Onyankopɔn sɛ wo a wode amumɔyɛ kyɛ na wutwa mmarato ho ma w’agyapade nkae no? Ɔrenso n’abufuw mu daa, na adɔe mmom na ɔpɛ;

19 yɛn ho na ɔbɛsan ama ne yam ahyehye no, ɔbɛpopa yɛn amumɔyɛ; na wobɛtow wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo bun mu.

20 Wode nokware bɛkyerɛ Yakob, ne daa adɔe akyerɛ Abraham sɛ wokaa yɛn agyanom ntam fi tete bemee no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan