Mika 6 - KYERƐW KRONKRONAWURADE ne ne man asɛnni 1 Muntie nea AWURADE ka ɛ! Sɔre bɔ wo nkuro wɔ mmepɔw anim, na nkoko ntie wo nne. 2 Mmepɔw, muntie AWURADE nkurobɔ, ne mo a mowɔ, asase nnyinaso daa no! Na AWURADE ne ne man anya ɔham, na ɔne Israel beyi ntɛn. 3 Me man, dɛn na mayɛ wo, na ɛdɛn na mede mahyɛ wo brɛ? Bua me ɛ! 4 Na miyii wo fii Misraim asase so bae, na migyee wo fii nkoafi mu, na mesomaa Mose, Aaron ne Miriam dii w’anim. 5 Me man, kae agyina a Moab hene Balak tui, ne nea Beor ba Bileam de buaa no, ne nea esii fi Sitim kodu Gilgal, sɛnea ɛbɛyɛ na woahu AWURADE nsɛntrenee no. Afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani 6 Dɛn na memfa memmra AWURADE anim na menkotow ɔsorosoro Nyankopɔn no? So memfa ɔhyew afɔre memmra n’anim, ne nantwi mma a wɔadi afe afe? 7 So AWURADE ani bɛsɔ adwennini mpem mpem, anaa ngo asuten mpem du du? So me mmarato nti memfa m’abakan memma, anaasɛ me yafumma, me kra bɔne nti? 8 Wɔaka nea eye akyerɛ wo, onipa, ne nea AWURADE hwehwɛ wo hɔ, ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew. 9 AWURADE nne refrɛ kurow no, na nea osuro me no yɛ onyansafo, muntie nteɛso ne nea ɔhyɛe no. 10 So amumɔyɛ mu adenya da so wɔ omumɔyɛfo fi, ne olonka a wɔahuan so a wɔadome no? 11 So mebu nea ɔde nsenia ne fotow a nsisi abrammo wɔ mu bem anaa? 12 Nhyɛso ayɛ emu adefo amaama na emufo ka atosɛm na wɔn tɛkrɛma yɛ nnaadaa wɔn anom. 13 Na me nso mabɔ wo ma abɔ wo yare, wo bɔne nti na masɛe wo. 14 Wo de, wubedidi na woremmee, na wo yam bɛda mpan na ɔkɔm ade wo ara; na wobɛtwe wo nnosoa, nanso woremma emfi mu sɔnn; na nea woma efi mu mpo, mede mɛma afoa; 15 wo de, wubegu na worentwa; wubekyi ngodua aba, na worensra ngo no, na wobekyi nsamono, na worennom nsa no. 16 Efisɛ wodi Omri ahyɛde ne Ahab fi nneyɛe nyinaa so, na wonennam wɔn agyinatu so, nea ɛbɛyɛ na mayɛ wo ahodwiriwde, ne emufo no nso ohwiremabɔ, na moasoa me man ahohora. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana