Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mika 1 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE ba abebu wiase atɛn

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahene Yotam, Ahas ne Hesekia bere so wɔ Samaria ne Yerusalem ho ni.

2 Aman nyinaa, muntie! Asase ne ne mayɛ, monyɛ aso! Na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo ntia mo, AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron no mu.

3 Na hwɛ, AWURADE refi adi afi n’afa, na wasian abetiatia asase sorɔnsorɔmmea so.

4 Na mmepɔw bedwiriw wɔ n’ase, na abon mu apaepae, sɛ hweawa tetew ogya anim no, te sɛ nsu a wɔahwie agu nea ɛhɔ sian.

5 Efi Yakob mmarato ne Israel fi nnebɔne nti na eyi nyinaa ba, Dɛn ne Yakob mmarato? So ɛnyɛ Samaria? Na dɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? So ɛnyɛ Yerusalem?


Samaria ne Yerusalem sɛe

6 Enti mede Samaria mɛyɛ wuram abokuw wɔ aman anim ne abobe atɛwee, na mede n’abo megu obon no mu, na mayi ne nnyinaso adi.

7 Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa, na wɔde ogya ahyew n’ayɛyɛde nyinaa, na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo, efisɛ aguaman apɛde na ɔde aboa ano, na aguaman apɛde na ɛbɛsan akɔyɛ.

8 Eyi nti mesu na matwa adwo, mɛnantew a mpaboa nni mu, akɔ no adagyaw mu, metue osu sɛ sakraman, na madi nkɔmmɔ sɛ sohori.

9 Na n’apirakuru no wontumi nsa bio; na abedu Yuda, abɛso me man pon ano, adu Yerusalem.

10 Monnka no wɔ Gat, munnkosu koraa; wɔ Bet-leafra na monyantam mfutuma mu.

11 Safirfo, monsen nkɔ, wɔ adagyaw ne aniwu mu; Sanaanfo mfi adi; Bet-esel retwa adwo na obegyae w’akyi gyina;

12 na Marotfo de ahoyeraw twɛn mmere pa, efisɛ amane afi AWURADE nkyɛn aduru aba Yerusalem kurow pon ano.

13 Lakisfo, momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefo; ɛyɛ Sion babea bɔne mfiase, sɛ mo mu na wohuu Israel mmaratode no.

14 Enti wɔbɛma Moreset-gat nkradi akyɛde: Aksib afi bedi Israel ahene huammɔ.

15 Maresafo, mede ɔdedifo foforo mɛbrɛ mo; Adulam na Israel anuonyamfo bedu.

16 Bɔ tikwaw na bɔ kwatrekwa, w’akorɔkorɔ mma nti, ma wo tikwaw ntrɛw sɛ opete de, efisɛ wɔatu wo nkyɛn kɔ nnommum mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan