Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 6 - KYERƐW KRONKRON


Nneyɛe mu ahokyerɛ

1 Monhwɛ yiye na moanyɛ mo trenee nnipa anim sɛ wobehu mo; anyɛ saa a, munni akatua mo agya a ɔwɔ soro no nkyɛn.

2 Enti sɛ woyɛ adɔe a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim, sɛnea nyaatwomfo no yɛ no hyiadan mu ne mmorɔn so, sɛnea wobenya nnipa anim anuonyam. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.

3 Na wo de, woyɛ adɔe a, mma wo benkum nnhu nea wo nifa reyɛ no;

4 na w’adɔe aka kokoam, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.


Mpaebɔ mu ahokyerɛ

5 Na sɛ morebɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo no; na wɔpɛ sɛ wogyina hyiadan mu ne mmɔnten twea so bɔ mpae, na nnipa ahu wɔn. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.

6 Na wo de, worebɔ mpae a, hyɛn wo pia mu, na to wo pon mu bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpae, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.


Mpaebɔ mu kasa tenten

7 Na sɛ morebɔ mpae a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfo; na wosusuw sɛ wɔn kasa dodow nti wobetie wɔn!

8 Enti monnyɛ sɛ wɔn; na mo agya Onyankopɔn nim nneɛma a ehia mo ansa na moabisa no.


Awurade mpaebɔ

9 Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew,

10 w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.

11 Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ,

12 na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛnea yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.

13 Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu. [Na wo na ahenni ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]

14 Na sɛ mode nnipa mfomso kyɛ wɔn a, mo soro agya de mo de bɛkyɛ mo nso.

15 Na sɛ moamfa nnipa mfomso ankyɛ wɔn a, mo agya no nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.


Mmuadadi mu ahokyerɛ

16 Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfo no. Na wonyinnyan wɔn anim sɛnea nnipa behu sɛ wɔredi mmuada. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.

17 Na wo de, woredi abuada a, sra wo tirim, na hohoro w’anim,

18 na nnipa anhu sɛ woredi abuada, na mmom w’agya a ɔwɔ kokoam no; na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.


Ɔsoro agyapade de

19 Monnhyehyɛ agyapade asase so, nea nwewee ne nkannare sɛe no, na awifo bubu kowia.

20 Na mmom monhyehyɛ agyapade ɔsoro, faako a nwewee ne nkannare nsɛe no na awifo mmubu nkowia;

21 na nea w’agyapade wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.


Akoma mu hann

22 Nipadua kanea ne aniwa. Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann.

23 Na sɛ w’ani nye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yiye.

24 Obiara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtan biako na wadɔ biako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata biako no na wabu biako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon.


Akyinnyegye a ɛde ahoyeraw ba
( Luka 12.22-31 )

25 Eyi nti mise mo sɛ: Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. Ɔkra nsen aduan, na nipadua nsen ntama anaa?

26 Monhwɛ wim nnomaa sɛ wongu na wontwa, na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro agya yɛn wɔn; na monsom bo nsen wɔn anaa?

27 Mo mu hena na ɔdwennwen a, obetumi de dakoro ato ne nkwa nna so?

28 Na adɛn na mudwinnwen ntama ho? Monhwɛ wuram sukooko, sɛnea enyin; ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa,

29 nanso mise mo sɛ, Solomon anuonyam nyinaa mu po wankeka ne ho sɛ eyinom mu biako.

30 Na sɛ Onyankopɔn fura wuram ahaban a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde gu fononoo mu no ntama saa a, ɔrenyɛ nea ɛkyɛn eyi mma mo, mo a mo gyidi sua?

31 Enti munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura?

32 Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di. Na mo soro agya no nim sɛ eyinom nyinaa hia mo.

33 Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.

34 Enti munnnwinnwen ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan