Mateo 5 - KYERƐW KRONKRONBepɔw so asɛnka — Nhyirasɛm ( Luka 6.20-49 ) 1 Na ohuu nkurɔfo akuwakuw no, ɔkɔɔ bepɔw no so; na ɔtenaa ase no, n’asuafo baa ne nkyɛn. 2 Na obuee n’ano kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ: 3 Nhyira ne honhom mu ahiafo, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea. 4 Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow, na wɔn na wɔbɛkyekye wɔn werɛ. 5 Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi. 6 Nhyira ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔamee. 7 Nhyira ne mmɔborohunufo, na wɔn na wobehu wɔn mmɔbɔ. 8 Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew, na wɔn na wobehu Nyankopɔn. 9 Nhyira ne wɔn a wɔboa ma asomdwoe ba, na wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma. 10 Nhyira ne wɔn a trenee nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea. 11 Nhyira ne mo sɛ wɔyaw mo na wɔtaa mo, na me din nti wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. 12 Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛw mo, na mo akatua so ɔsoro; na saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no. Nkyene ne hann 13 Mone asase so nkyene. Na sɛ nkyene dɛw yera a, dɛn na wɔde bɛhyɛ no nkyene? Enye mma hwee bio, gye sɛ wohwie gu, na nnipa tiatia so. 14 Mone wiase hann. Kurow a ɛda bepɔw so ntumi nhintaw. 15 Na wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ ɔkorow ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɔdan no mu nyinaa. 16 Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam. Wɔammɛsɛe mmara no 17 Munnsusuw sɛ mebae sɛ merebɛsɛe mmara anaa adiyifo no; mamma ammɛsɛe, na mmom mebɛhyɛɛ no ma. 18 Na nokware mise mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, akyerɛwde ketewaa biako anaa nsensanee biako po remfi mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa. 19 Enti obiara a ɔbɛto mmara mu nsɛm nketewa yi mu biako na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa ɔsoro ahenni mu; na obiara a obedi so na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, ɔno na wɔbɛfrɛ no kɛse ɔsoro ahenni mu. 20 Na mise mo sɛ, sɛ mo trenee ammoro Kyerɛwfo ne Farisifo no de so a, morennya ɔsoro ahenni no mu nhyɛn. Abufuw ne awudi 21 Moate sɛ wosee tetefo no sɛ: Nni awu; na obiara a obedi awu no bedi atemmu mu fɔ. 22 Na me de, mise mo sɛ obiara a ne bo fuw ne nua no bedi atemmu mu fɔ; na obiara a obese ne nua sɛ: Raka. Onipa hunu no bedi fɔ mpanyimfo atitiriw no asɛnnii. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea, no bedi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom. 23 Enti sɛ wode w’ayɛyɛde ba afɔremuka ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm bi tia wo a, 24 gyaw w’ayɛyɛde no afɔremuka no anim hɔ, kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kan ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛde no. 25 Wo ne wo nkurobɔfo wɔ kwan so no, wo ne no mmom ntɛm; na da bi wo nkurobɔfo no anyi wo anhyɛ otemmufo nsa, na otemmufo no anyi wo anhyɛ ɔsomfo nsa, na wɔamfa wo ankɔto afiase. 26 Nokware mise wo sɛ, woremfi hɔ, gye sɛ woatua kaprɛ a ɛbɛka akyiri no ansa. Awaresɛe 27 Moate sɛ wɔkae sɛ: Nsɛe aware! 28 Na me de, mise mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw. 29 Na sɛ w’aniwa nifa to wo hintidua a, tu, na tow fi wo ho kyene! Na eye ma wo sɛ wo ho akwaa mu biako bɛsɛe, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom. 30 Na sɛ wo nsa nifa to wo hintidua a, twa, na tow fi wo ho kyene; na eye ma wo sɛ wo ho akwaa mu biako bɛsɛe, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom. Aware kronkronyɛ 31 Wɔkae nso sɛ: Obiara a obegyaa ne yere no mma no awaregyae nhoma. 32 Na me de, mise mo sɛ: Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere a, na wama ɔbea no asɛe aware; na obiara a ɔbɛware nea wɔagyaa no no nso asɛe aware. Ɔkasa mu nokwaredi 33 Bio moate sɛ wosee tetefo no sɛ: Nka ntanhunu, na fa wo ntankade ma Awurade. 34 Na me de, mise mo sɛ: Monnka ntam koraa! Monnka ɔsoro, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahengua. 35 Monnka asase, efisɛ ɛyɛ ne nan ntiaso. Monnka Yerusalem, efisɛ ɛyɛ ɔhenkɛse kurow. 36 Nanso nka wo ti ntam, efisɛ worentumi nyɛ nwi biako fufu anaa tuntum. 37 Na momma mo yiw nyɛ yiw, na mo dabi nyɛ dabi! Na nea ɛboro eyi so no fi bɔne mu. Wɔbra aweretɔ 38 Moate sɛ wɔkae sɛ: Aniwa nsi aniwa ananmu, na ɛse nsi ɛse ananmu. 39 Na me de, mise mo sɛ, mo ne ɔbɔnefo no nnni asi, na nea ɔbɛpae w’aso nifa mu no, dan biako no nso ma no. 40 Na nea ɔpɛ sɛ ɔne wo di asɛm na ogye w’atade nhyɛase no, ma ɔmfa w’atade nkataso no nso. 41 Na obiara a ɔbɛhyɛ wo sɛ wo ne no nnantew kwansin biako no, wo ne no nkɔ abien. 42 Nea ɔsrɛ wo no, ma no; na nea ɔpɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ ade no, nnan wo ho mfi ne ho. Dɔ w’atamfo 43 Moate sɛ wɔkae sɛ: Dɔ wo yɔnko na tan wo tamfo. 44 Na me de, mise mo sɛ, monnɔ mo atamfo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo no; 45 na monyɛ mo agya a ɔwɔ soro no mma; efisɛ ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so. 46 Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na munya? Towgyefo nso nyɛ saa anaa? 47 Na sɛ mukyia mo nuanom nko ara a, dɛn na moayɛ aboro so? Towgyefo nso nyɛ saa anaa? 48 Enti monyɛ pɛ sɛnea mo agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana