Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 27 - KYERƐW KRONKRON


Yesu gyina amrado anim

1 Na ade kyee no, asɔfo mpanyimfo no nyinaa ne ɔman mpanyimfo no tuu Yesu ho agyina sɛ wobekum no.

2 Na wɔkyeree no de no kɔe, kɔhyɛɛ amrado Pilato nsa.


Yuda ahonu

3 Ɛnna Yuda a oyii no mae no hui sɛ wɔabu no fɔ no, onuu ne ho, na ɔde nnwetɛbona aduasa no san brɛɛ asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no sɛ:

4 Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama. Na wose: Ɛfa yɛn ho dɛn? Wo ara w'asɛm a!

5 Na ɔtow nnwetɛbona no guu asɔredan mu fii hɔ kɔe, na ɔkɔsɛn ne mene.

6 Na asɔfo mpanyimfo no faa nnwetɛbona no kae sɛ: Enni ho kwan sɛ wɔde gu ayɛyɛde adaka mu, ɛnam sɛ, ɛyɛ mogya ano bo.

7 Na wotuu agyina, na wɔde kɔtɔɔ ɔnwemfo asase, sɛ wɔnsie ahɔho wɔ mu.

8 Enti wɔfrɛɛ asase no sɛ Mogya Asase de besi nnɛ.

9 Ɛnna nea Odiyifo Yeremia kae no baa mu sɛ: Na migyee nnwetɛbona aduasa a ɛyɛ nea wɔbɔɔ ne bo tɔɔ no fii Israel mma nsam no ti ade no

10 de kɔtɔɔ ɔnwemfo asase, sɛnea Awurade hyɛɛ me no.


Pilato asɛmmisa
( Marko 15.2-5 ; Luka 23.2-3 ; Yohane 18.29-38 )

11 Na Yesu begyinaa amrado no anim. Na amrado no bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? Na Yesu kae sɛ: Wo na woaka.

12 Na asɔfo mpanyimfo ne mpanyimfo no retoto n’ano no, wammua bi.

13 Ɛnna Pilato see no sɛ: Wonte nsɛm pii a wɔreka gu wo so yi?

14 Na wammua no asɛm biako po ho, maa no yɛɛ amrado no nwonwa sɛ.


Wobu Yesu kumfɔ
( Marko 15.6-15 ; Luka 23.13-25 ; Yohane 18.39—19.1 )

15 Na daa, afahyɛ no mu no, amrado gyaa ɔdeduani biako a nkurɔfokuw no pɛ no ma wɔn.

16 Nso bere no mu na ɔwɔ ɔdeduani bi a wagye din a wɔfrɛ no Baraba.

17 Enti wohyiae no, Pilato see wɔn sɛ: Hena na mopɛ sɛ migyaa no mema mo? Baraba anaa Yesu a wɔfrɛ no Kristo no?

18 Na onim sɛ nitan nti na woyii no mae.

19 Na ɔte atemmu agua so no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa trenee no ntam; na ne nti mahu amane pii ɔdae mu nnɛ.

20 Na asɔfo mpanyimfo ne mpanyimfo no tuu nkurɔfo akuwakuw no aso sɛ wɔnsrɛ Baraba, na wonkum Yesu.

21 Na amrado no bua see wɔn sɛ: Wɔn baanu yi mu hena na mopɛ sɛ migyaa no mema mo? Na wɔkae sɛ: Baraba.

22 Pilato see wɔn sɛ: Ɛnne dɛn na menyɛ Yesu a wɔfrɛ no Kristo no? Wɔn nyinaa kae sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu!

23 Ɛnna ose: Na bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteɛteɛɛm dennennen sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu!

24 Na Pilato hui sɛ ontumi nyɛ ho hwee, na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsu hohoroo ne nsa nkurɔfokuw no anim kae sɛ: Medi bem wɔ onipa trenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ!

25 Na ɔman mu no nyinaa buae sɛ: Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma tiri so.

26 Ɛnna ogyaa Baraba maa wɔn; na ɔhwee Yesu mpire no, oyii no mae sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.


Yesu ho fɛwdi
( Marko 15.16-19 ; Yohane 19.2-3 )

27 Ɛnna amrado no asraafo de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔmaa asraafokuw no nyinaa behyiae n’anim.

28 Na woyii n’atade, na wɔde nkatakonmu kɔkɔɔ bi guu no so,

29 na wɔde nsɔe nwenee abotiri hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire hyɛɛ ne nsa nifa mu, na wobuu nkotodwe n’anim goruu ne ho sɛ: Yudafo hene, mo oo!

30 Na wɔtoo ntasu guu no so, gyee demmire no, na wɔde paa n’apampam.


( Marko 15.20-41 ; Luka 23.26 ; 23.33-49 ; Yohane 19.16-30 )

31 Na wowiee ne ho fɛwdi no, woyii nkatakonmu no fii ne ho, na wɔde ɔno ara atade hyɛɛ no, na wɔde no kɔe sɛ wɔkɔbɔ no asɛnnua mu.

32 Na wɔrefi adi no, wohuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa ɔsoaa n’asɛnnua no.


Wɔbɔ Yesu asɛnnua mu

33 Na wokoduu baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota (a ase ne tikwankorabea),

34 wɔmaa no nsa akekakeka a wɔde bɔnwoma afra mu sɛ ɔnnom; na ɔkaa n’ano no, wampɛ sɛ ɔnom.

35 Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu wiei no, wɔtwee ntonto kyɛɛ ne ntade (na ama nea wɔnam odiyifo no so kae no aba mu sɛ, wokyɛɛ me ntade mu maa wɔn ho, na wɔtwee ntonto wɔ me ntade so).

36 Na wɔtenatenaa ase wɛn no.

37 Na wɔde n’afɔdisɛm a wɔakyerɛw no fam n’atifi sɛ: Yesu, Yudafo hene no ni!

38 Ɛnna wɔbɔɔ adwowtwafo baanu asɛnnua mu kaa ne ho, obiako wɔ nifa, na obiako wɔ benkum.


Nkurɔfo no keka abususɛm

39 Na wɔn a wɔretwam no wosow wɔn ti kaa abususɛm tiaa no

40 sɛ: Wo a wudwiriw asɔredan na woto no nnansa mu, gye wo ho ɛ! Sɛ Onyankopɔn ba ne wo a, fi asɛnnua no ho si fam!

41 Saa ara nso na asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo ne mpanyimfo no goruu ne ho

42 sɛ: Ogyee binom, na ontumi nnye ne ho. Sɛ ɔno ne Israel hene a, ma omfi asɛnnua no ho nsi fam, na yebegye no adi.

43 Yiw, ɔde ne ho too Nyankopɔn so; afei sɛ ɔpɛ no a, ma onye no ɛ; efisɛ ɔkae sɛ: Onyankopɔn ba ne me!

44 Saa ara na adwowtwafo a wɔbɔɔ wɔne no asɛnnua mu no nso yaw no.


Yesu wu

45 Na efi bɛyɛ awia dumien bere mu no, esum duruu asase nyinaa so kosii awia nnɔnabiɛsa.

46 Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnabiɛsa no, Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me?

47 Na wɔn a wogyina hɔ no mu bi tee no, wɔkae sɛ: Oyi refrɛ Elia.

48 Na ntɛm ara wɔn mu biako tuu mmirika kɔfaa sapɔw de bɔɔ nsa kekakeka bi mu, na ɔde tuaa demmire ano de ma ɔnomee.

49 Na wɔn a aka no kae sɛ: Gyae na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abegye no anaa?

50 Na Yesu de nne kɛse teɛɛm bio no, ogyaa ne honhom mu.


Anwonwade a ɛbae

51 Na hwɛ, ntama a etwa asɔredan no mu no mu tewee abien fi soro de besii fam, na asase wosowee, na abotan paapaee,

52 na aboda buebuei, na nnipa kronkron a wɔawuwu no amu bebree nyannyanee,

53 na ne nyan akyi no wofii adi fii wɔn aboda mu kɔɔ kurow kronkron no mu koyiyii wɔn ho kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree.


Asraafo no suro

54 Na asraafo ha so panyin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no huu asasewosow ne nneɛma a esisii no, wosuroe pii kae sɛ: Ampa ara Onyame ba ni!

55 Na mmea bebree wɔ hɔ a wogyina akyirikyiri rehwɛ; wɔn na wodii Yesu akyi fi Galilea som no;

56 na Maria Magdalene ne Maria, Yakob ne Yosef ne na, ne Sebedeo mma no na ka wɔn ho.


Yesu sie
( Marko 15.42-47 ; Luka 23.50-55 ; Yohane 19.38-42 )

57 Na eduu anwummere no, ɔdefo bi a ofi Arimatea a wɔfrɛ no Yosef a ɔno nso adan Yesu suani bae;

58 ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. Ɛnna Pilato hyɛe sɛ wɔmfa amu no mma no.

59 Na Yosef faa amu no de nwera a ani tew kyekyeree ho.

60 Na ɔde kɔtoo ɔno ara ne da foforo a watwa ɔbotan mu mu, na opirew ɔbo kakraka bi hinii ɔda no ano, na ofii hɔ kɔe.

61 Na Maria Magdalene ne Maria biako no wɔ hɔ tete ɔda no ntentenso.


Asɔfo mpanyimfo no ahodaso

62 Na ade kyee a ɛyɛ da a edi ahosiesie da no akyi no, asɔfo mpanyimfo ne Farisifo no behyiaa Pilato nkyɛn

63 sɛ: Owura, yɛakae sɛ ɔdaadaafo no te ase no, ɔkae sɛ: Nnansa akyi, menyan.

64 Enti ma wɔnkɔwɛn ɔda no yiye nkodu da a ɛto so abiɛsa no, na asuafo no ammewia no, na wɔanka ankyerɛ ɔman no sɛ: Wanyan afi awufo mu, na anka akyiri yi nnaadaa bɛsen kan de no.

65 Pilato see wɔn sɛ: Munnye awɛmfo nkɔ nkɔwɛn sɛnea mubetumi.

66 Na wɔkɔe kɔsɔɔ ɔbo no ano maa awɛmfo no wɛn ɔda no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan