Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 26 - KYERƐW KRONKRON


Wɔpam Yesu tiri so
( Marko 14.1-2 ; Luka 22.1-2 )

1 Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, osee n’asuafo no sɛ:

2 Munim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wobeyi Onipa Ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu.

3 Ɛnna asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo kohyiaa ɔsɔfo panyin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,

4 na wotuu agyina sɛ wɔnam nyansa so bɛkyere Yesu akum no.

5 Nanso wɔkae sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na sakasaka amma ɔman mu.


Ɔdɔ akyɛde
( Marko 14.3-9 ; Yohane 12.1-8 ; Luka 7.36-50 )

6 Na Yesu wɔ Betania, Simon kwatani fi no,

7 ɔbea bi a okura ngo huamhuam a ne bo yɛ den, sradehuam toa ma baa ne nkyɛn. Na ɔte adidii no, obehwiee ngo no guu n’atifi.

8 Na asuafo no hui no, anyɛ wɔn abodwo, na wɔkae sɛ: Adesɛe yi ase ne dɛn?

9 Anka wobetumi atɔn eyi agye sika pii, na wɔde ama ahiafo.

10 Na Yesu hui no, osee wɔn sɛ: Adɛn na morehaw ɔbea no? Wayɛ me ho adwuma pa.

11 Na ahiafo wɔ mo nkyɛn daa, na me de, morennya me daa.

12 Na sɛ wahwie ngo huamhuam yi agu me nipadua so yi, wayɛ ama me sie.

13 Nokware mise mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, wɔbɛka nea ɔbea yi yɛe nso de ayɛ no nkae.


Yuda nkɔnkɔnsa
( Marko 14.10-11 ; Luka 22.3-6 )

14 Ɛnna dumien no mu biako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfo mpanyimfo no nkyɛn

15 sɛ: Dɛn na mobɛma me na mayi no mahyɛ mo nsa? Na wɔkarii nnwetɛbona aduasa de maa no.

16 Na efi ɛno so no, ɔhwehwɛe sɛnea obenya ɔkwan ayi no ama.


Twam afahyɛ no ho siesie
( Marko 14.12-16 ; Luka 22.7-13 )

17 Na Apiti da a edi kan no, asuafo no baa Yesu nkyɛn sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie ma wo na wukodi Twam (afahyɛ) no?

18 Na ose: Monkɔ kurow no mu asiamasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo se: Me bere abɛn; wo nkyɛn na me ne m’asuafo rebedi Twam (afahyɛ) no.

19 Na asuafo no kɔyɛe sɛnea Yesu hyɛɛ wɔn no, na wosiesiee Twam (afahyɛ) no.


Adidi a edi akyiri
( Marko 14.17-26 ; Luka 22.14-23 ; Yohane 13.21-26 )

20 Na eduu anwummere no, ɔne asuafo dumien no bɛtenaa ase.

21 Na wɔredidi no, ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, mo mu biako rebeyi me ama.

22 Na wɔn werɛ howee yiye, na wofii ase sisee no mmiako mmiako sɛ: Awurade, ɛyɛ me anaa?

23 Na obuae sɛ: Nea ɔne me to nsa asanka mu no, ɔno ara na obeyi me ama.

24 Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw ne ho de, nanso onipa a obeyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka eye ma no.

25 Ɛnna Yuda a oyii no mae no bisaa no sɛ: Rabi, ɛyɛ me anaa? Obuaa no sɛ: Woaka.


Nkae adidi no asehyɛ

26 Na wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ohyiraa so bubuu mu de maa asuafo no sɛ: Munnye nni; eyi ne me honam.

27 Na ɔfaa kuruwa, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn sɛ: Mo nyinaa monnom bi;

28 na eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fakyɛ.

29 Na mise mo sɛ, efi nnɛ merennom bobe aba yi bi bio de bɛkɔ akosi da a me ne mo bɛnom no foforo m’agya ahenni mu.

30 Na wɔtoo ayeyi dwom no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw so.


Ɔpa a Petro bɛpa ne wura no ho nkɔmhyɛ
( Marko 14.27-31 ; Luka 22.31-34 )

31 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me ho bɛyɛ mo nyinaa hintidua anadwo yi. Na wɔakyerɛw sɛ: Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na ekuw no mu nguan no abɔ apete.

32 Na me sɔre akyi no, medi mo anim makɔ Galilea.

33 Na Petro bua see no sɛ: Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa hintidua po a, me de, ɛrenyɛ me hintidua da.

34 Yesu see no sɛ: Nokware mise wo sɛ, anadwo yi, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.

35 Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ etwa sɛ me ne wo bewu po a, merempa wo. Saa ara na asuafo no nyinaa nso kae.


Yesu Getsemane awerɛhow
( Marko 14.32-42 ; Luka 22.40-46 )

36 Ɛnna Yesu ne wɔn duu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: Montena ase ha, na menkɔ noho nkɔbɔ mpae ansa.

37 Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho no, ne werɛ fii ase howee, na ne ho yeraw no pa ara.

38 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Awerɛhow ahyɛ me kra so de rekɔ owu mu; montena ha na mo ne me nwɛn.

39 Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kobutuw fam bɔɔ mpae sɛ: M’agya, sɛ ebetumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ.

40 Na ɔbaa asuafo no nkyɛn no, obehuu wɔn sɛ wɔada. Na osee Petro sɛ: So muntumi ne me nwɛn dɔnhwerew biako?

41 Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw.

42 Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpae sɛ: M’agya, sɛ eyi rentwa me ho nkɔ na gye sɛ menom a, wo pɛ nyɛ hɔ.

43 Na ɔbae no, obehuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani kum.

44 Na ogyaw wɔn kɔe bio kɔbɔɔ mpae ne mprɛnsa so kaa asɛnkoro no ara.

45 Ɛnna ɔbaa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei de, monna na monhome ɛ! Hwɛ, dɔn no adu a wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa.

46 Monsɔre mma yɛnkɔ! Hwɛ, nea ɔreyi me ama no abɛn.


Yuda de asraafo ba
( Marko 14.43-50 ; Luka 22.47-53 ; Yohane 18.3-12 )

47 Na ogu so kasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dumien no mu biako bae, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura nkrante ne mmaa fi asɔfo mpanyin ne ɔman no mpanyimfo nkyɛn ka ne ho.

48 Na nea oyii no mae no ama wɔn sɛnkyerɛnne sɛ: Nea mefew n’ano no, ɔne no; monkyere no!

49 Na ntɛm ara ɔbaa Yesu nkyɛn sɛ: Rabi, mo! Na ofew n’ano.

50 Na Yesu see no sɛ: Damfo, wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? Ɛnna wɔbae besusoo Yesu mu kyeree no.

51 Na hwɛ, wɔn a wɔka Yesu ho no mu biako teɛɛ ne nsa twee ne nkrante, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panyin no akoa twaa n’aso.

52 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.

53 Anaasɛ wususuw sɛ anka mintumi mensrɛ m’agya mprempren na ɔnsoma abɔfo asafodɔm bɛboro dumien mmegyina me ho?

54 Na ɛnne ɛbɛyɛ dɛn na kyerɛw nsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa?


Yesu asɛmmisa. Asuafo no aguan

55 Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Moaba sɛnea moreba odwowtwafo so de nkrante ne mmaa rebɛkyere me? Metenaa asɔrefi mekyerɛkyerɛe daa, nanso moankyere me.

56 Na eyi nyinaa aba na nea adiyifo no kae kyerɛw nsɛm mu no aba mu. Ɛnna asuafo no nyinaa gyaw no guanee.


Yesu gyina Kaiafa anim
( Marko 14.53-72 ; Luka 22.54-71 ; Yohane 18.13-27 )

57 Na wɔn a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa hɔ, faako a Kyerɛwfo ne mpanyimfo no ahyia no.

58 Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri koduu ɔsɔfo panyin no aban mu, na ɔkɔɔ mu ne asomfo no kɔtenaa hɔ sɛ ɔrehwɛ asɛm no awiei.


Adansekurum ne animtiaabu

59 Na asɔfo mpanyimfo ne abaguafo no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekurum, na wɔagyina so akum no,

60 nanso wɔannya bi. Adansekurumfo bebree bae de, nanso wɔannya bi. Na akyiri yi no, baanu bae

61 sɛ: Oyi aka sɛ: Metumi madwiriw Onyankopɔn asɔredan, na mato no nnansa.

62 Na ɔsɔfo panyin no sɔre ka kyerɛɛ no sɛ: Wummua bi? Ɛdɛn ho na eyinom di adanse tia wo yi?

63 Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Kristo, Onyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn.

64 Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mise mo sɛ, efi nnɛ mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte nea ɔwɔ tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum so.

65 Ɛnna ɔsɔfo panyin no sunsuanee n’atade mu sɛ: Waka abususɛm! Dɛn hia na ehia yɛn adansefo bio? Hwɛ, afei moate n’abususɛm no.

66 Mudwen ho dɛn? Na wobuae sɛ: Ɔsɛ owu.

67 Ɛnna wɔtoo ntasu guu n'ani so, na wɔbobɔɔ no akuturuku; ebinom nso bobɔɔ no asotɔre

68 sɛ: Kyerɛ yɛn, Kristo, hena na ɔbɔɔ wo?


Petro pa ne wura

69 Na Petro de, ɔte adiwo hɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ: Wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam!

70 Na ɔsanee wɔn nyinaa anim sɛ: Minnim nea woka yi.

71 Na ofii adi kɔɔ abrannaa no so hɔ no, abaawa foforo bi nso huu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam!

72 Na ɔde ntam sanee bio sɛ: Minnim onipa no.

73 Na ɛkyɛe kakraa no, wɔn a wogyina hɔ no bae bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; na wo kasa nso yi wo adi!

74 Ɛno na ofii ase didii nsew kekaa ntam sɛ: Minnim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee.

75 Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no. Na ofii adi kosui yayaayaw.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan