Mateo 25 - KYERƐW KRONKRONMmabaa du ho bɛ 1 Ɛnna wɔde ɔsoro ahenni bɛto mmabaa du bi a wɔtasee wɔn akanea fii adi sɛ wɔrekohyia ayeforokunu no ho. 2 Na wɔn mu baanum yɛ mmadwemma, na baanum nso nyɛ mmadwemma. 3 Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no faa wɔn akanea no, wɔamfa ngo ankura; 4 na mmadwemma no faa ngo guu ntoaa mu kaa wɔn akanea ho. 5 Na ayeforokunu no kyɛe no, wɔn nyinaa ani kumii na wɔdedae. 6 Na ɔdasu mu no, wɔtee nteɛm sɛ: Hwɛ, ayeforokunu ni oo! Mumfi nkohyia no! 7 Ɛnna mmabaa no nyinaa sɔre kekaa wɔn akanea. 8 Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no ka kyerɛɛ mmadwemma no sɛ: Momma yɛn mo ngo no bi, na yɛn akanea redunnum. 9 Na mmadwemma no buae sɛ: Dabi, ɛrenso yɛne mo; na monkɔ wɔn a wɔtɔn no mmom nkyɛn nkɔtɔ mo de! 10 Na wɔrekɔ akɔtɔ no, ayeforokunu no bae; na wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforohyia no ase, na wɔtoo pon no mu. 11 Na akyiri no, mmabaa a aka no nso bae bɛkae sɛ: Owura, owura, bue yɛn! 12 Na obuae sɛ: Nokware mise mo sɛ, minnim mo. 13 Enti monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no, (a Onipa Ba no reba.) Nkoa pa ne akoa bɔne ho asɛm ( Luka 19.12-27 ) 14 Na ɛte sɛ onipa bi a ɔretu kwan akɔ baabi, na ɔfrɛɛ ɔno ara ne nkoa, na ɔde nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa. 15 Na ɔmaa obiako talente anum, na obiako abien, na obiako nso biako, sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te; na otuu kwan. 16 Na ntɛm ara nea onyaa talente anum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma, na onyaa ho talente anum. 17 Saa ara na nea onyaa abien no nso konyaa abien kaa ho. 18 Na nea onyaa biako no de, ɔkɔe kotutuu fam, na ɔde ne wura sika no siei. 19 Na ɛkyɛe no, nkoa no wura no bae, na ɔne wɔn bebuu akontaa. 20 Na nea onyaa talente anum no bae de talente anum kaa ho bae sɛ: Owura, talente anum na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforo anum maka ho. 21 Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi ade pii so; kɔ wo wura anigye mu! 22 Na nea onyaa talente abien no nso bae sɛ: Owura, talente abien na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforo abien maka ho. 23 Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so; kɔ wo wura anigye mu! 24 Na nea onyaa talente biako no nso bae sɛ: Owura, minim wo sɛ woyɛ onipa a woyɛ den a wutwa faako a wunnuae ɛ, na woboaboa ano nea womfa mpetee hɔ ɛ; 25 enti misuroe, na mede wo talente no mikosiee fam. Hwɛ, w’ade ni! 26 Ɛnna ne wura no bua see no sɛ: Akoa bɔne ne onihawfo, wunim sɛ mitwa faako a minnuae ɛ, na meboaboa ano nea memfa mempetee? 27 Ɛnne anka ɛsɛ wo sɛ wode me sika kɔhyɛ sikasesafo nsa, na meba a, mabegye m’ade ne ɛho mfɛntom. 28 Enti munnye ne nsam talente no, na momfa nkɔma nea ɔwɔ talente du no! 29 Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no na wanya aboro so; na nea onni bi no de, nea ɔwɔ po, wobegye ne nsam. 30 Na akoa a ne ho nni mfaso no, momfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ. Atemmu da kɛse no 31 Na Onipa Ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’anuonyam ahengua so. 32 Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mmirekyi mu. 33 Na ɔde nguanten no begyina ne nifa, na ɔde mmirekyi no agyina benkum. 34 Ɛno na ɔhene bese wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase mfiase no nni! 35 Na ɔkɔm dee me, na momaa me biribi midii, osukɔm dee me, na momaa me nsu nomee, meyɛɛ ɔhɔho, na mofaa me kɔɔ mo fi; 36 medaa adagyaw, na mufuraa me ntama, meyaree, na mobɛhwɛɛ me, medaa afiase, na mobaa me nkyɛn. 37 Ɛnna nnipa trenee no bebua no sɛ: Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, na yɛmaa wo aduan, anaasɛ osukɔm dee wo, na yɛmaa wo nsu nomee? 38 Afei da bɛn na yehuu wo sɛ woyɛɛ ɔhɔho na yɛfaa wo kɔɔ ofie, anaasɛ wodaa adagyaw na yefuraa wo ntama? 39 Afei da bɛn na yehuu wo sɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛbaa wo nkyɛn? 40 Na ɔhene bebua ase wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moyɛ maa me. 41 Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu! 42 Na ɔkɔm dee me, na moamma me biribi manni, osukɔm dee me, na moamma me nsu annom; 43 meyɛɛ ɔhɔho, na moamfa me ankɔ mo fi, medaa adagyaw, na moamfura me ntama; meyaree na medaa afiase, na moammɛhwɛ me. 44 Ɛnna wɔn nso bebua sɛ: Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaa wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛammɛsom wo? 45 Ɛnna obebua wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moanyɛ amma nketewaa yi mu biako yi, moanyɛ amma me. 46 Na eyinom befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana