Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 24 - KYERƐW KRONKRON


Yesu hyɛ asɔrefi sɛe ho nkɔm
( Marko 13 ; Luka 21.5-36 )

1 Na Yesu fii asɔrefi hɔ a ɔrekɔ no, n’asuafo no baa ne nkyɛn sɛ wɔbɛkyerɛ no asɔrefi aban no.

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munhu eyinom? Nokware mise mo sɛ: Wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo so ɛha a wɔrennwiriw ngu fam.


Kristo ba a ɔbɛba bio

3 Na ɔte Ngo Bepɔw so no, asuafo no baa ne nkyɛn wɔ ɔfa baabi bɛkae sɛ: Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛyɛ hɔ, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?

4 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monhwɛ na obi annaadaa mo.

5 Na nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ: Mene Kristo no; na wɔabɛdaadaa nnipa pii.

6 Na mobɛte ɔko ne akosɛm. Monhwɛ na mo bo antu, efisɛ etwa sɛ ɛba, nanso na awiei no nnya nnui ɛ.

7 Na ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.

8 Na eyinom nyinaa ne awoko yaw mfiase.


Ɔtaa, akyirisan ne asɛmpa no ka

9 Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.

10 Na ɛno na ɛbɛto nnipa bebree hintidua; na wobeyiyi wɔn ho ama, na wɔatentan wɔn ho.

11 Na adiyifo atorofo bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree.

12 Na ɛnam sɛ amumɔyɛ bɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo.

13 Na nea obegyina mu akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.

14 Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.


Akyide a ɛbɔ ɔman no

15 Enti sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no, sɛ egyina kronkronbea hɔ a, (nea ɔrekenkan no, ma ɔnte ase!)

16 Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so.

17 Nea ɔwɔ ɔdan atifi no, mma onnsian mmmɛfa biribi mmfi ne dan mu;

18 na nea ɔwɔ wuram nso nnsan n’akyi mmmɛfa ne ntama.

19 Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma nufu nna no mu no nnue!


Ahohia kɛse

20 Na mommɔ mpae na mo guan no amma awɔw bere anaa homeda.

21 Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.

22 Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti wobetwa nna no so.


Onipa ba no ba

23 Ɛno na sɛ obi ka sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! anaasɛ ɔwɔ ha! a, munnnye nnni!

24 Na kristofo atorofo ne adiyifo atorofo bɛsɔre, na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, anka wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.

25 Hwɛ, maka makyerɛ mo dedaw.

26 Enti sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Hwɛ, ɔwɔ sare so a, monnkɔ; hwɛ, ɔwɔ mpia mu a, munnnye nnni!

27 Na sɛnea anyinam pae fi apuei na ɛhyerɛn kɔ atɔe no, sɛnea onipa ba no ba nso bɛyɛ ara nen.

28 Na faako a afunu wɔ no, ɛhɔ na apete bɛboaboa wɔn ho ano.

29 Na nna no mu ahohiahia akyi no, ntɛm ara na owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn, na nsoromma betutu afi soro agu fam, na ɔsoro ahoɔden awosow.

30 Ɛno na Onipa Ba no sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuw nyinaa ho behiahia wɔn kɛse, na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so tumi ne anuonyam kɛse mu.

31 Na ɔbɛsoma n’abɔfo ama wɔde torobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afi mframa anan no mu afi ɔsoro ano akɔpem ano.

32 Munsua borɔdɔma ho bɛ no: Sɛ n’abaa nya yɛ frɔmfrɔm na ɛreyiyi nhaban a, na munim sɛ ahohuru bere abɛn.

33 Saa ara na mo nso, sɛ muhu eyinom nyinaa a, munhu sɛ abɛn, na adu apon ano!

34 Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.

35 Ɔsoro ne asase betwam akɔ, na me nsɛm de, ɛrentwam da.

36 Na da no ne dɔn ko no de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko ara.

37 Na sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na Onipa Ba no ba bɛyɛ.

38 Na sɛnea nna a edi nsuyiri anim no mu no wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu,

39 na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na Onipa Ba no ba bɛyɛ.

40 Ɛnna nnipa baanu a ɛwɔ afum, wɔbɛfa obiako na wɔagyaw obiako.

41 Mmea baanu bɛyam owiyammo so, wɔbɛfa obiako na wɔagyaw obiako no.

42 Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba.

43 Na munhu eyi sɛ, ofiwura nim ɔdasu ko a owifo bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma ammetu ne dan ase amma mu.

44 Eyi nti munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba.


Nkoa pa ne nkoa bɔne

45 Na hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan ɛbere a ɛsɛ mu?

46 Nhyira ne akoa no a ne wura ba a, obehu no sɛ ɔreyɛ saa.

47 Nokware mise mo sɛ, ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so.

48 Na sɛ akoa bɔne no ka ne komam sɛ: Me wura rekyɛ ba,

49 na ofi ase boro ne nwurakwaa, na ɔne asabofo didi, nom a,

50 akoa no wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwan ne dɔn a onnim mu,

51 na wabetwitwa ne mu asinasin, na wama ɔno ne nyaatwomfo anya kyɛfa. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan