Mateo 23 - KYERƐW KRONKRONYesu ka kyerɛwfo ne Farisifo anim ( Marko 12.38-40 ; Luka 20.45-47 ) 1 Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw ne n’asuafo no 2 sɛ: Mose akongua so na Kyerɛwfo ne Farisifo atena. 3 Enti nea wobese mo sɛ munni so no nyinaa, munni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma de, monnyɛ; efisɛ wɔka, nanso wɔnyɛ. 4 Na wɔkyekyere nnesoa duruduru de to nnipa mmati, na wɔn ankasa de, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsatea mpo ka. 5 Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛnea nnipa behu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkae nhoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntade ano nnwow akɛse. 6 Na wɔpɛ mpanyimfo tenabea adidi ase, ne mpanyimfo nkongua hyiadan mu, 7 ne gua so nkyia ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi! 8 Na mo de, wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom. 9 Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no. 10 Nanso wɔmmfrɛ mo awuranom; na obiako ne mo wura, ɔne Kristo no. 11 Na mo mu kɛse no nyɛ mo somfo. 12 Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so. 13 Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu. 14 (Munnue! Mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mobɔ akunafo apoo, nanso moboapa bɔ mpae atenten kyerɛ. Eyi nti mubenya afobu a ɛso.) 15 Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mutwa po ne asase ho hyia sɛ mobɛyɛ onipa biako mo fekuni; na sɛ ɔyɛ a, moyɛ no amanehunu kuroni mmɔho abien sen mo ara. 16 Munnue, mo kwankyerɛfo anifuraefo a moka sɛ: Obi ka asɔredan ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka asɔredan sika de a, ɛkyekyere no. 17 Mo anifuraefo ne nkwaseafo! Nea ɛwɔ he na ɛso, sika kɔkɔɔ no anaa asɔredan a ɛma sika kɔkɔɔ no ho tew no? 18 Na obi ka afɔremuka ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka ayɛyɛde a egu so no de a, ɛkyekyere no. 19 Anifuraefo! Nea ɛwɔ he na ɛso, ayɛyɛde no anaa afɔremuka a ɛma ayɛyɛde no ho tew no? 20 Enti nea ɔde afɔremuka bɛka ntam no, ɔde ɛno ne nea ɛwɔ so nyinaa na ɛka. 21 Na nea ɔde asɔredan ka ntam no, ɔde ɛno ne nea ɔte mu no na ɛka. 22 Na nea ɔde ɔsoro ka ntam no, ɔde Onyankopɔn ahengua ne nea ɔte so no na ɛka. 23 Munnue, mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ muyi ɛme ne onunum ne nhaban bi so ntotoso du du ma, na mugyaw mmara mu nea ɛsom bo no, a ɛyɛ atemmu ne mmɔborohunu ne gyidi; eyi na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na munnyaw nkae no nso. 24 Akwankyerɛfo anifuraefo a mosɔn yi nwansena, na momene yoma. 25 Munnue, mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mutwiw kuruwa ne ayowa akyi, na emu de, dwowtwa ne adifudepɛ ahyɛ no ma. 26 Farisini nifuraefo, hohoro kuruwa ne ayowa no mu kan, na akyiri nso afi. 27 Munnue, mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mote sɛ ɔda a wɔaka ho, a ɛho a wohu no yɛ fɛ, na emu de, afunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ no ma. 28 Saa ara nso na moboapa yɛ sɛ nnipa trenee wɔ nnipa anim, na mo mu de, nyaatwom ne amumɔyɛ ayɛ ma. 29 Munnue, mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mototo adiyifo nna so na mosiesie nnipa treneefo aboda mu, 30 na moka sɛ: Sɛ yɛwɔ yɛn agyanom bere so a, anka yɛne wɔn remmom nhwie adiyifo no mogya ngu. 31 Eyi na mode di mo ho adanse sɛ wɔn a wokum adiyifo no mma ne mo. 32 Mo nso, monhyɛ mo agyanom susukora no ma! 33 Awɔ, nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn aguan amanehunu kurom atemmu? 34 Hwɛ, eyi nti na meresoma adiyifo ne anyansafo ne Kyerɛwfo aba mo nkyɛn, na mubekum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu na moaka wɔn mu binom mpire mo hyiadan mu, na moataa wɔn afi kurow mu akɔ kurow mu; 35 na mogya trenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, efi Habel trenee mogya so de besi Barakia ba Sakaria a mukum no asɔredan ne afɔremuka ntam no mogya so aba mo so. 36 Nokware mise mo sɛ, eyinom nyinaa bɛba nnɛ mma yi so. Yesu twa Yerusalem ho adwo 37 Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn abo, mpɛn ahe na anka mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! 38 Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo. 39 Na mise mo sɛ efi sesɛɛ morenhu me de bɛkɔ akosi sɛ mobɛka sɛ: Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana