Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 18 - KYERƐW KRONKRON


Ahobrɛase ho kyerɛkyerɛ
( Marko 9.33-47 ; Luka 9.46-48 )

1 Ɛdɔn no ara mu na asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisaa sɛ: Hena ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu?

2 Na Yesu frɛɛ abofra bi de no begyinaa wɔn mfinimfini,

3 na ɔkaa sɛ: Nokware mise mo sɛ, moannan na moanyɛ sɛ mmofra a, morentumi nhyɛn ɔsoro ahenni no mu.

4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno ara ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu.

5 Na obiara a obegye abofra a ɔte sɛɛ biako me din mu no, wagye me;

6 na obiara a ɔbɛto nkumaa a wogye me di yi mu biako hintidua no, eye ma no sɛ wɔde owiyammo sɛn ne kɔn mu, na wɔkɔdɔ no asukɔ wɔ ɛpo bun mu.


Hintiduato

7 Hintiduato nti wiase nnue! Na etwa sɛ hintiduato ba de, nanso onipa a hintiduato nam no so ba no nnue!

8 Na sɛ wo nsa anaa wo nan to wo hintidua a, twa, na tow fi wo ho kyene! Na eye ma wo sɛ wode nansin anaa basin bɛkɔ nkwa mu sen sɛ wowɔ nsa abien anaa nan abien, na wɔde wo bɛto daa ogya no mu.

9 Na sɛ w’aniwa to wo hintidua a, tu, na tow fi wo ho kyene! Na eye ma wo sɛ wode ani koro bɛkɔ nkwa mu sen sɛ wowɔ aniwa abien, na wɔde wo bɛto ogya amanehunu kurom.


Oguan a wayera
( Luka 15.4-7 )

10 Monhwɛ, na moammu nkumaa yi mu biako abomfiaa; na mise mo sɛ ɔsoro no, wɔn abɔfo hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.

11 (Na onipa ba no bae sɛ obegye nea ayera.)

12 Mudwen ho dɛn? Sɛ onipa bi wɔ nguanten ɔha, na wɔn mu biako fom kwan a, ɔrennyaw aduakron akron no mmepɔw so, na ɔnkɔhwehwɛ nea wafom kwan no anaa?

13 Na sɛ ɛba sɛ ohu no a, nokware mise mo sɛ, n’ani gye ne ho sen aduakron akron a wɔamfom kwan no.

14 Saa ara na ɛnyɛ mo agya a ɔwɔ soro no apɛde sɛ nkumaa yi mu biako bɛyera.


Sɛnea wɔne onua a wafom bi di

15 Na sɛ wo nua fom wo a, kɔ na koyi no ntɛn, wo ne no nko ntam. Sɛ otie wo a, woanya wo nua.

16 Na sɛ wantie a, fa onipa biako anaa baanu ka wo ho, na nsɛm nyinaa nnyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so.

17 Na sɛ wantie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo no. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnne bu no sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni.

18 Nokware mise mo sɛ, biribiara a mobɛkyekyere asase so no, na wɔakyekyere ɔsoro; na biribiara a mobɛsan asase so no, na wɔasan ɔsoro.

19 Bio, nokware mise mo sɛ, mo mu baanu yɛ anokoro asase so asɛm biara a mubebisa ho a, m’agya a ɔwɔ soro bɛyɛ ama mo.

20 Na nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔ wɔn mfinimfini.


Mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ yɛde kyɛ

21 Ɛnna Petro baa ne nkyɛn bebisaa no sɛ: Awurade, mpɛn ahe na me nua fom me a, memfa nkyɛ no? Enkosi mpɛn ason anaa?

22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Minse wo sɛ enkosi mpɛn asɔn, na mmom mpɛn aduɔsɔn ahorow asɔn!


Akoa otirimmɔdenfo no

23 Eyi nti ɔsoro ahenni te sɛ ɔhene bi a ɔpɛe sɛ ɔne ne nkoa bu akontaa.

24 Na ofii ase bui no, wɔde obiako a ɔde no talente pedu brɛɛ no.

25 Na sɛ onni nea ɔde betua nti, ne wura no hyɛe sɛ wɔntɔn no ne ne yere ne ne mma ne nea ɔwɔ nyinaa, na wɔmfa mmetua ka no.

26 Ɛnna akoa no gyaa ne ho too fam srɛɛ no sɛ: Owura, tɔ wo bo ase ma me, na metua wo ne nyinaa.

27 Na akoa no wura no huu no mmɔbɔ, gyaa no, na ɔde ka no kyɛɛ no.

28 Na akoa no ara fii adi no, okohuu ne nwurakwaa no mu biako a ɔde no denare ɔha; na osoo no mu tim no amenewa kae sɛ: Tua me ka!

29 Na n’awurakwaa no nso de ne ho hwee fam srɛɛ no sɛ: Tɔ wo bo ase ma me, na metua.

30 Na ɔno de, wampene, na ɔkɔe de no kɔtoo afiase sɛ enkosi sɛ obetua ka no.

31 Na nwurakwaa no huu nea aba no, ɛyɛɛ wɔn yaw sɛ, na wɔba bɛkaa nea aba no nyinaa kyerɛɛ wɔn wura.

32 Ɛnna ne wura no frɛɛ no see no sɛ: Akoa bɔne, wosrɛɛ me nti, mede ka no nyinaa mekyɛɛ wo;

33 ɛnsɛ wo nso sɛ wuhu w’awurakwaa mmɔbɔ sɛnea mihuu wo mmɔbɔ no anaa?

34 Na ne wura no bo fuwii, na ɔde no maa ahohiahiafo sɛ enkosi sɛ obetua no nea ɔde no nyinaa.

35 Saa ara na sɛ mo mu biara amfi ne komam amfa ne nua mfomso ankyɛ no a, me soro agya nso bɛyɛ no nen.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan