Mateo 11 - KYERƐW KRONKRONOsuboni Yohane ahoyeraw ( Luka 7.18-35 ) 1 Na ɛbae sɛ Yesu wiee n’asuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm no nkurow mu. 2 Na Yohane tee Kristo nnwuma wɔ afiase no, ɔsomaa n’asuafo 3 kobisaa no sɛ: Wone nea ɔreba no anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforo kwan? 4 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ na monkɔka nea mote na muhu yi nkyerɛ Yohane: 5 Anifuraefo hu ade, na mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, na asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo. 6 Na nhyira ne nea merento no hintidua. Yesu di Yohane ho adanse 7 Na eyinom rekɔ no, Yesu fii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Ɛdɛn na mufii adi kɔɔ sare so kɔhwɛe? Mmɛw ahaban a mframa rehim anaa? 8 Anaasɛ ɛdɛn na mufii adi kɔhwɛe? Onipa a ɔhyɛ ntade bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afi mu. 9 Anaasɛ adɛn nti na mufii adi? Mokɔhwɛɛ odiyifo anaa? Yiw, mise mo sɛ, ɔsen odiyifo mpo. 10 Oyi ne nea wɔakyerɛw ne ho asɛm sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfo adi w’anim a obesiesie w’anim kwan. 11 Nokware mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsen Yohane suboni; nanso nea ɔyɛ aketewa koraa ɔsoro ahenni mu no yɛ kɛse sen no. 12 Na efi Osuboni Yohane bere so besi nnɛ, wɔyɛ ɔsoro ahenni ho ade anibere so, na wɔn a wɔn ani abere no fa no anuɔden so. 13 Na adiyifo no nyinaa ne mmara no hyɛɛ nkɔm besii Yohane so. 14 Na sɛ mopɛ sɛ mugye a, oyi ne Elia a ɔreba no. 15 Nea ɔwɔ aso no, ma ontie! Yudafo komapirim 16 Na hena ho na mede nnɛ mma yi bɛtoto? Wɔte sɛ mmofra a wɔtete gua so refrɛfrɛ wɔn mfɛfo sɛ: 17 Yɛahyɛn atɛntɛbɛn ama mo, na moansaw; yɛatwa agyaadwo ama mo, na mo werɛ anhow. 18 Na Yohane bae, onnidi na ɔnnom, na wose: Ɔwɔ honhommɔne. 19 Onipa ba no bae, odidi na ɔnom, na wose: Hwɛ, odidifo ne ɔsanomfo, towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo. Nanso nyansa nam ne nnwuma so di bem. Korasin, Betsaida ne Kapernaum ( Luka 10.12-15 ) 20 Ɛnna ofii ase kaa nkurow a wayɛ ne tumidi pii wom no anim sɛ wɔnnsakraa wɔn adwene, ɔkae sɛ: 21 Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ tumide a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra wɔn adwene ayitoma ne nso mu dedaw. 22 Nso mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Tiro ne Sidon asen mo. 23 Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Hwɛ wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando; efisɛ tumide a wɔayɛ no wo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Sidon a, anka ɛwɔ hɔ de besi nnɛ. 24 Nso mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom asase asen wo. Agya no ayeyi ( Luka 10.21-22 ) 25 Saa bere no ara mu Yesu kae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa. 26 Yiw, agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ w’anim. 27 M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim ɔba no, gye agya no, na obiara nnim agya no, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no. 28 Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome. 29 Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. 30 Na me kɔnnua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana