Malaki 3 - KYERƐW KRONKRONAWURADE onimdefo 1 Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose. 2 Na hena na obetumi ne ba da no, na ɔrebeyi ne ho adi no, hena na obegyina? Na ɔte sɛ ɔnanfo gya ne ntamasifo gyakisi; 3 na ɔbɛtena ase anan dwetɛ ayiyi mu, na obeyiyi Lewi mma mu, na wapaw wɔn mu sɛ sika ne dwetɛ, na wɔanya wɔn a wɔde ayɛyɛde a ɛho tew abrɛ Awurade. 4 Ɛno ansa na Yuda ne Yerusalem ayɛyɛde bɛsɔ Awurade ani sɛ tete nna ne kan mfe no. 5 Na mɛbɛn mo mabebu atɛn, na mɛyɛ ɔdansefo a ne ho yɛ hare mahyɛ ntafowayifo ne awaresɛefo ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wodi apaafo apaade, okunafo ne ayisaa amim, na wosisi ɔhɔho, na wonsuro me no, asafo Awurade na ose. 6 Na me, Awurade, mensakra; enti mo, Yakob mma, morenwie sa. Ntotoso du du ho asɛm 7 Efi mo agyanom bere so na mosan fii m’ahyɛde ho na moanni so. Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo Awurade na ose. Na moka se: Dɛn mu na yɛnsan? 8 So onipa bɛfow Onyankopɔn sɛ morefow me yi? Na moka se: Dɛn mu na yɛfow wo? Ntotoso du du ne soma afɔrebɔde mu. 9 Wɔde nnome adome mo, efisɛ me na morefow me, ɔman mu no nyinaa. 10 Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekora dan mu, na aduan ntena me fi. Na momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo Awurade na ose, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so anaa? 11 Na mɛyaw odidifo no mama mo, na wammɛsɛe asase aba amma mo, na afuw mu bobe aba ammɔ mo, asafo Awurade na ose. 12 Na amanaman nyinaa bebu mo ahotɔfo, na mobɛyɛ anika asase, asafo Awurade na ose. Awerɛkyekye bɔhyɛ 13 Mokasa tia me, Awurade na ose. Nanso moka sɛ: Dɛn na yɛka tia wo? 14 Moaka se: Onyankopɔn som yɛ ɔkwa; na ɛyɛ mfaso bɛn sɛ yɛhyɛ n’ahwɛde na yɛnantew birisi mu, asafo Awurade anim? 15 Na afei yɛn de, yebu ahantanfo ahotɔfo; wɔn a wodi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wofi mu guan nso. 16 Ɛnna wɔn a wosuro AWURADE no kasakasae wɔn mu, na AWURADE yɛɛ aso na ɔtee, na wɔkyerɛw n’anim nkae nhoma maa wɔn a wosuro Awurade na wobu ne din no. 17 Na wɔbɛyɛ me de, asafo AWURADE na ose, ɛda a mɛyɛ eyi no wɔbɛyɛ m’ankasa de, na mɛkyɛe wɔn so sɛnea obi kyɛe ne ba a ɔsom no no so. 18 Ɛnna mobɛsan ahu nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no, no ntam. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana