Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Malaki 2 - KYERƐW KRONKRON


Asɔfo no asotwe

1 Na afei, nea wɔahyɛ yi, wɔde mo, asɔfo.

2 Sɛ moantie na moamfa anhyɛ mo koma mu sɛ mode anuonyam bɛma me din a, asafo Awurade na ose, ɛnne mɛma nnome aba mo mu, na madome mo nhyira no; dedaw, efisɛ momfa m’asɛm nsie mo koma mu.

3 Hwɛ, metwiw mo asefo anim, na mabɔ sɛbew mapete mo anim, mo nnapɔnna sɛbew no, na wɔasesaw mo aka ɛno ho akɔ;

4 na mubehu sɛ me na mesoma ma wɔde mmara yi brɛɛ mo sɛ ɛnyɛ me ne Lewi apam, asafo Awurade na ose.

5 M’apam no yɛɛ no nkwa ne asomdwoe, na mede memaa no sɛ onsuro; na osuroo me, na me din nti ne ho popoe.

6 Nokware mmara daa n’anom, na wɔanhu n’anom akɔntɔnkyesɛm biara; asomdwoe ne trenee mu na ɔne me nantewee, na ɔdan nnipa pii fii amumɔyɛ ho.

7 Na ɛsɛ sɛ asɔfo ano kora nimdeɛ, na wɔyɛ nhwɛso pa ma afoforo; mmara no nso wodi so, efisɛ asafo Awurade bɔfo ne mo.

8 Nanso moafi ɔkwan no so aman, moama nnipa bebree ahintiw mmara no, moasɛe Lewi apam no, asafo Awurade na ose.

9 Enti me nso mɛma mo anim agu ase, na moabrɛ ase ɔman no nyinaa anim, sɛnea munni m’akwan so na mohwɛ nnipa anim, mmara mu no ara pɛ.


Awaresɛe

10 So yɛn agya nyɛ baako? So ɛnyɛ Onyankopɔn koro na ɔbɔɔ yɛn? Efi dɛn so na onua twa onua nkontompo sɛ yɛde behura yɛn agyanom apam ho?

11 Yuda atwa nkontompo na wɔayɛ akyide Israel ne Yerusalem mu. Na Yuda ahura Awurade kronkronbea a ɔdɔ no ho, na wakɔware onyame nanani babea.

12 Awurade betwa ɔbarima a ɔyɛ eyi no: Sɛ onim na ɔhyɛ da yɛ no afi Yakob ntamadan mu na wapo n’ayɛyɛde a ɔde brɛ Awurade no.

13 Na nea ɛto so abien yi nso moyɛ: Mode nusu ne osu ne ahomegu kata Awurade afɔremuka so ma ɔnnan mmɛhwɛ ayɛyɛde no, na onnye mo nsam nea ɛsɔ n’ani bio.

14 Na moka se: Efi dɛn so? Efisɛ Awurade ayɛ wo ne wo mmerantebere mu yere ntam dansefo, ɔno na woatwa no nkontompo, nanso ɔno ne wo hokafo ne w’apam yere no.

15 Adɛn, Onyankopɔn ammɔ mo biako a ne su wɔ mo mu, so, mobɛwo mma a wɔyɛ Nyamesurofo? Enti monhwɛ mo ho yiye mo honhom ho, na ntwa wo mmerantebere mu yere nkontompo.

16 Na metan awaregu, Awurade, Israel Nyankopɔn na ose, ne nea ɔde mmusu kata n’atade so, asafo Awurade na ose; enti monhwɛ mo ho yiye mo honhom ho, na munntwa nkontompo.

17 Mode mo nsɛm hyɛ Awurade brɛ. Na moka se: Dɛn na yɛde hyɛ no brɛ? Sɛ moka se: Obiara a ɔyɛ bɔne no, ye Awurade anim, na wɔn ho yɛ no anisɔ; anaasɛ: Atemmu Nyankopɔn no wɔ he?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan