Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 8 - KYERƐW KRONKRON


Asɛnka

1 Na ɛbae sɛ eyi akyi no, ɔkɔfaa nkurow ne nkuraa nyinaa mu, kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa kyerɛe, na dumien no ka ne ho,

2 ne mmea bi a wasa wɔn ahonhommɔne ne ahoɔmmerɛw, wɔne Maria a wɔfrɛ no Magdalene a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no,

3 ne Yohana, Herode fiepanyin Kusa yere, ne Susana ne afoforo bebree a wɔde wɔn ahode bi som no.


Ogufo ho bɛ
( Mateo 13.1-23 ; Marko 4.1-20 )

4 Na nkurɔfokuw pii boaboaa wɔn ho ano ne wɔn a wofii nkurow no nyinaa mu baa ne nkyɛn no, obuu wɔn bɛ sɛ:

5 Ogufo bi fii adi koguu n’aba. Na ɔregu no, ebi koguu kwankyɛn; na wotiatiaa so, na wim nnomaa bɛsosɔwee.

6 Na ebi koguu ɔbotan so; na efifii no, ɛhyewee, efisɛ enni bosu nti.

7 Na ebi koguu nsɔe mu; na nsɔe no ne no fifii, na emiaa no.

8 Na ebi koguu asase pa mu; na efifii, na ɛsow aba ahorow ɔha. Na ɔkaa saa no, ɔteɛɛm sɛ: Nea ɔwɔ aso betie no, ontie!


Ogufo ho bɛ no asekyerɛ

9 Na n’asuafo no bisaa no sɛ: Ɛbɛ yi ase ne dɛn?

10 Na ose: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni mu ahintasɛm no; na wɔn a aka de, wɔde ama wɔn mmebu mu, na wɔahu, na wɔanhu mu, na wɔate, nanso wɔante ase.

11 Na ɛbɛ no ni: Aba a wogu no ne Nyankopɔn asɛm.

12 Ɔkwankyɛn de no ne wɔn a wɔte; na ɔbonsam ba beyi asɛm no fi wɔn komam, na wɔannye anni na wɔannye wɔn nkwa.

13 Ɔbotan so de no ne wɔn a wɔte asɛm no a, wɔde anigye gye, nanso eyinom nni ntini, na wogye di ma ɛkyɛ kakra, na sɔhwɛ bere ba a, na wɔagyae.

14 Na nea eguu nsɔe mu no ne wɔn a wɔte, na wɔnam asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonya ne anigyede mu na emia wɔn, na wɔn aba no mmere yiye.

15 Na asase pa mu de no ne wɔn a wɔde koma pa a eye te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu sow aba.


Kanea adwuma
( Marko 4.21-25 )

16 Na obi nsɔ kanea mfa ade nkata so, anaasɛ ɔmfa nsi mpa ase; na mmom ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔkɔ mu hɔ ahu kanea no.

17 Na biribi nni kokoam a wɔrenyi no adi, na ahintaw a wɔrenhu na ɛrenna adi.

18 Enti monhwɛ yiye sɛnea mote asɛm no fa. Na obiara a ɔwɔ no na wɔde bɛma no; na nea onni bi de, nea osusuw sɛ ɔwɔ mpo, wobegye ne nsam.


Yesu abusuafo
( Mateo 12.46-50 ; Marko 3.31-35 )

19 Na ne na ne ne nuanom baa ne nkyɛn, na nkyereso no nti wɔantumi ammɛn no.

20 Na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo na ne wo nuanom gyina mfikyiri pɛ sɛ wohu wo.

21 Na obua see wɔn sɛ: Me na ne me nuanom ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so.


Ahum asebrɛ
( Mateo 8.18 ; 8.23-27 ; Marko 4.35-41 )

22 Na ɛbae sɛ da bi ɔne n’asuafo no kɔtenaa ɔkorow mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma yentwa nkɔ ɔtare no agya noho. Na wɔhare kɔe.

23 Na wɔrekɔ no, ɔdae. Na mframa kɛse bi bɔɔ huu baa ɔtare no so, na nsu bu faa wɔn so, na wɔwɔ amanehunu mu.

24 Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Owura, owura, yɛreyera! Na ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne nsu a ɛworo so no; na egyae yɛɛ dinn.

25 Na osee wɔn sɛ: Mo gyidi wɔ he? Na wosuroe, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wosisee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na ɔhyɛ mframa ne nsu na etie no yi?


Ahonhommɔne tu
( Mateo 8.28-34 ; Marko 5.1-20 )

26 Na wokoduu Gerasafo asase a ɛwɔ Galilea ntentenso so.

27 Na osii fam no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ no mu dedaadaw a ofi kurow no mu behyiaa no, ɔnhyɛ atade na ɔnte ɔdan biara mu, na mmom abodan mu na ɔte wɔ asiei.

28 Na ohuu Yesu no, ɔteɛɛm dennen hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛse kae sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nhaw me!

29 Efisɛ waka akyerɛ honhom fi no sɛ omfi onipa no mu; (na daa na ɛkyere no, na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ guu no wɛn no, na ɔtetew nea wɔde akyekyere no no mu, na honhommɔne no pam no kɔɔ anwea pradada so).

30 Na Yesu bisaa no sɛ: Wo din de dɛn? Na ose: Ɛdɔm, efisɛ ahonhommɔne pii akɔ no mu.

31 Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔnnkɔ bun no mu.

32 Na mprakokuw kɛse bi wɔ hɔ a wɔredidi wɔ bepɔw no so; na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔn kwan na wɔnkɔ wɔn mu. Na ɔmaa wɔn kwan.

33 Na ahonhommɔne no fii onipa no mu kɔɔ mprako no mu, na ekuw no bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu ɔtare no mu, na wɔmemee.

34 Na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no huu nea asi no, woguanee, na wɔkɔkae kurow no mu ne nkuraase.

35 Na wofii adi bɛhwɛɛ nea asi; na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wobehuu onipa a ahonhommɔne fii no mu no sɛ ɔte Yesu nan ase fura ntama a n’adwenem atew; na wosuroe.

36 Na wɔn nso a wohui no kae sɛnea ɛyɛe na nea ɔwɔ ahonhommɔne no ho sanee no.

37 Na Gerasafo asase a atwa ahyia no so nkurɔfo nyinaa srɛɛ no sɛ omfi wɔn nkyɛn nkɔ, efisɛ ehu kɛse aka wɔn. Na osii ɔkorow mu san kɔe.

38 Na ɔbarima no a ahonhommɔne fii no mu no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. Nanso Yesu gyaa no kwan sɛ:

39 San kɔ wo fi, na kɔka ade kɛse a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi kyerɛ! Na ɔkɔe kɔkaa ade kɛse a Yesu ayɛ ama no no kurow no mu nyinaa.


Yairo babea
( Mateo 9.18-26 ; Marko 5.21-43 )

40 Na Yesu san bae no, nkurɔfokuw no gyee no; efisɛ wɔn nyinaa retwɛn no.

41 Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a ɔyɛ hyiadan mu panyin bae, na ɔbɛhwee Yesu nan ase srɛɛ no sɛ ɔmmra ne fi;

42 na ɔwɔ ɔbabea koro a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia dumien, na ɔda hɔ rewu. Na ɔrekɔ no, na nkurɔfo akuwakuw no kyere no so.


Ɔbea bi ayaresa

43 Na ɔbea bi a mogya tu no mfirihyia dumien na obiara antumi ansa no yare

44 befii n’akyi bɛkaa n’atade ano a wɔanwene no, na amonom hɔ ara ne mogya no twae.

45 Na Yesu kae sɛ: Hena na ɔkaa me? Na wɔn nyinaa resan no, Petro ne wɔn a wɔka ne ho no kae sɛ: Owura, nkurɔfo akuwakuw no akyere wo so, na wɔremia wo.

46 Na Yesu se: Obi aka me, na mahu sɛ ahoɔden bi afi me mu kɔ.

47 Na ɔbea no hui sɛ ada adi no, ɔde ahopopo bae bɛhwee n’anim, na ɔkaa dekode nti a ɔkɔkaa no ne sɛnea ne ho sanee amonom hɔ ara no kyerɛɛ no ɔman no nyinaa anim.

48 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!


Yairo babea wunyan

49 Na ɔrekasa no, obi fi hyiadan mu panyin no fi bɛkae sɛ: Wo babea no awu, nhaw ɔkyerɛkyerɛfo no!

50 Na Yesu tee no, obuaa no sɛ: Nsuro, gye di ara, na obenya nkwa.

51 Na ɔbaa ofie hɔ no, wamma obiara ankɔ mu, gye Petro, Yohane, Yakob ne abofra no n’agya ne ne na.

52 Na wɔn nyinaa resu, na wɔregyam no. Na ose: Munnsu! Na onwui ɛ, na wada.

53 Na wɔserew no, efisɛ na wonim sɛ wawu.

54 Na osoo ne nsa frɛe sɛ: Abofra, nyan!

55 Na ne honhom san bae bio, na ɔsɔree ntɛmntɛm; na ɔhyɛe sɛ wɔmma no biribi nni.

56 Na ɛyɛɛ n’awofo ahodwiriw; na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nea aba yi nnkyerɛ obiara.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan