Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 3 - KYERƐW KRONKRON


Osuboni Yohane asɛnka
( Mateo 3.1-12 ; Marko 1.1-8 ; Yohane 1.19-28 )

1 Na Kaesare Tiberio ahenni afe a ɛto so dunum mu no, na Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinhene, na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti asase so, Lisania di Abilene mansinhene,

2 na Hana ne Kaiafa yɛ asɔfo mpanyin no, Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane nkyɛn sare so.

3 Na ɔbaa Yordan ho, asase nyinaa so bɛkaa adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔnefakyɛ mu,

4 sɛnea wɔakyerɛw odiyifo Yesaia nsɛm nhoma no mu sɛ: Obi nne teɛm sare so sɛ: Munsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn nteɛ!

5 Wɔbɛhyɛ abon nyinaa ma, na wɔabrɛ mmepɔw ne nkoko nyinaa ase; na nea akyea no bɛteɛ, na akwan abonkyiabonkyi ayɛ toromtorom.

6 Na ɔhonam nyinaa behu Nyankopɔn nkwagye.

7 Ɛnna ɔka kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw a wofi bae sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ: Nhurutoa mma! Hena na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ munguan mfi abufuw a ɛreba no ho?

8 Na afei monsow aba a ɛfata adwensakra, na mummfi ase nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mise mo sɛ, Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham.

9 Nanso wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw sɛ dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa ato ogya mu.

10 Na nkurɔfo akuwakuw no bisaa no sɛ: Na yɛnyɛ dɛn?

11 Na obuaa wɔn sɛ: Nea ɔwɔ ntade abien no, ma no nkyɛ mu mma nea onni bi, na nea ɔwɔ aduan no, ɔnyɛ saa ara.

12 Na towgyefo nso bae sɛ ɔmmɔ wɔn asu, na obisaa wɔn sɛ: Kyerɛkyerɛfo, dɛn na yɛnyɛ?

13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnnye nkyɛn nea wɔatwa ato hɔ no.

14 Na asraafo nso bisaa no sɛ: Yɛn nso yɛnyɛ dɛn? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnyɛ obiara haihai, nso mommfa asɛm nto obi so kwa, na momma mo akatua nsɔ mo ani.


Kristo ba ne n’adwuma ho nkɔmhyɛ

15 Na esiane sɛ ɔman no hwɛ kwan, na wɔn nyinaa susuw wɔn komam sɛ ebia Yohane ne Kristo no nti,

16 Yohane ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me de, mede nsu mebɔ mo asu; na nea ne ho yɛ den sen me reba a mensɛ sɛ mesan ne mpaboa hama. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.

17 Ɔno na ne nhuwso apaawa kita ne nsam, na ɔbɛpra n’awiporowee hɔ fitaa, na waboaboa awi no ano agu ne san so, na ntɛtɛwa no de, ɔde gya a ennum da bɛhyew.


Yohane afiaseda

18 Na nneɛma pii nso ka ho a ɔde tuu ɔman no fo kaa asɛmpa kyerɛɛ wɔn.

19 Na ɔmansinhene Herode, ne nua yere Herodia ho bɔne a wayɛ a Yohane kaa n’anim nti,

20 ɔde eyi kaa ne nyinaa ho de Yohane too afiase.


Yesu asubɔ
( Mateo 3.13-17 ; Marko 1.9-11 ; Yohane 1.32 )

21 Na ɛbae sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei,

22 na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ aborɔnoma baa no so, na ɛnne bi fi soro kae sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.


Yesu abusuasanten
( Mateo 1.1-17 )

23 Yesu fii n’adwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfirihyia aduasa, (na nkurɔfo dwen sɛ ɔyɛ Yosef ba), Eli ba,

24 Mattat ba, Lewi ba, Melki ba, Yanai ba, Yosef ba,

25 Matatia ba, Amos ba, Nahum ba, Hesli ba, Nagai ba,

26 Mahat ba, Matatia ba, Semein ba, Yosek ba, Yoda ba,

27 Yohanan ba, Resa ba, Serubabel ba, Sealtiel ba, Neri ba,

28 Melki ba, Adi ba, Kosam ba, Elmadam ba, Er ba,

29 Yesu ba, Eliesa ba, Yorim ba, Matat ba, Lewi ba,

30 Simeon ba, Yuda ba, Yosef ba, Yonam ba, Eliakim ba,

31 Melea ba, Mena ba, Matata ba, Natan ba, Dawid ba,

32 Yese ba, Obed ba, Boas ba, Sala ba, Nahson ba,

33 Aminadab ba, Admin ba, Arni ba, Hesron ba, Peres ba, Yuda ba,

34 Yakob ba, Isak ba, Abraham ba, Tera ba, Nahor ba,

35 Serug ba, Reu ba, Peleg ba, Eber ba, Sala ba,

36 Kainan ba, Arfaksad ba, Sem ba, Noa ba, Lamek ba,

37 Metusela ba, Enok ba, Yared ba, Mahalaleel ba, Kainan ba,

38 Enos ba, Set ba, Adam ba, Onyankopɔn ba.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan