Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 21 - KYERƐW KRONKRON


Ɔbea kunafo no akyɛde
( Marko 12.41-44 )

1 Na ɔmaa n’ani so huu adefo a wɔde wɔn ayɛyɛde regu tow adaka no mu.

2 Na ohuu ɔbea kunafo hiani bi nso a ɔde mpɛsewa abien beguu mu.

3 Na ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, okunafo hiani yi de bebree abegu mu sen wɔn nyinaa.

4 Na eyinom nyinaa fi nea wɔwɔ na aboro wɔn so no mu na wɔde bi abegu mu, nanso oyi de, ofi ne hia mu de n’asetena mu ade a ɔwɔ nyinaa na abegu mu.


Asɔrefi sɛe ho nkɔmhyɛ
( Mateo 24.1-21 ; Marko 13.1-19 )

5 Na ebinom reka asɔrefi no ho asɛm sɛnea wɔde abo fɛfɛ ne adekyɛde ahyehyɛ no no, ɔkae sɛ:

6 Nneɛma a muhu yi de, nna bi bɛba a wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo so emu a wɔrennwiriw ngu fam.


Nsɛm a edi ɔsɛe yi anim

7 Na wobisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, da bɛn na eyinom bɛba, na eyinom rebɛba a, ɛho sɛnkyerɛnne ne dɛn?

8 Na ose: Monhwɛ na wɔannaadaa mo, na nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na afei nso ɛbere no abɛn. Na enti munnni wɔn akyi!

9 Na sɛ mote ɔko ne basabasayɛ a, mommma no mmɔ mo hu; na etwa sɛ eyinom ba kan; nanso na awiei no de, ennui.


Akodi ne asasewosow

10 Ɛnna osee wɔn sɛ: Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.

11 Na asasewosow kɛse bɛba mmeaemmeae, na ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛba; na ahude ne nsɛnkyerɛnne akɛse befi soro aba.


Ɔtaa

12 Na nea edi eyinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa beso mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahene ne amradofo anim me din nti,

13 na mode adi me ho adanse.


Ogye

14 Enti momfa nto mo tirim na moannnwen nea mode beyi mo ho ano ansa.

15 Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfo nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.

16 Na awofo ne anuanom ne abusuafo ne nnamfo nso beyi mo ama, na wɔama wɔakum mo mu binom.

17 Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo.

18 Na mo ti nwi biako po renyera.

19 Mo boasetɔ mu na mubenya mo kra.


Atamfo betwa Yerusalem ho ahyia

20 Na sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnne munhu sɛ ne sɛe abɛn.

21 Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na wɔn a wɔwɔ Yerusalem mfi mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraa no, mommma wɔnnkɔ mu,

22 efisɛ eyi ne aweredi nna, na nneɛma a wɔakyerɛw no nyinaa aba mu.


Kurow no sɛe

23 Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma nufu nna no mu no nnue! Na ahohia kɛse bɛba asase no so, na abufuw bɛda ɔman yi so.

24 Na wɔbɛtotɔ nkrante ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere bewie du.


Onipa ba no ba
( Mateo 24.29-30 ; Marko 13.24-26 )

25 Na nsɛnkyerɛnne bɛba owia ne ɔsram ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkye a ɛrehuru nti;

26 na ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw; efisɛ wɔbɛwosow ɔsoro ahoɔden.

27 Ɛnna wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam kɛse reba omununkum mu.

28 Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.

29 Na obuu wɔn bɛ sɛ: Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa!

30 Sɛ enya fefɛw na mohwɛ a, mo ankasa muhu sɛ ahohuru bere anya abɛn.

31 Saa ara na mo nso, sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn.

32 Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.

33 Ɔsoro ne asase betwam, na me nsɛm de, ɛrentwam da.


Kɔkɔbɔ

34 Na monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri,

35 na ɛbɛba wɔn a wɔte asase ani nyinaa so.

36 Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina Onipa Ba no anim.

37 Nso da biara no, ɔkyerɛkyerɛ asɔrefi hɔ awia, na anadwo na wafi hɔ akɔtena bepɔw a wɔfrɛ no Ngo Bepɔw no so.

38 Na ɔman no nyinaa sɔre anɔpa ba ne nkyɛn asɔrefi hɔ betie no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan