Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 2 - KYERƐW KRONKRON


Yesu awo

1 Nna no mu no, mmara bi fi Kaesare Augusto nkyɛn bae sɛ wɔnkan wiasefo nyinaa nkyerɛw wɔn din.

2 Eyi ne ɔkan a edi kan bere a Kirenio yɛ Siria amrado no.

3 Na nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn kurom kɔkyerɛw wɔn din.

4 Na Yosef nso fi Nasaret a ɛwɔ Galilea siim kɔɔ Yudea, Dawid kurow a wɔfrɛ no Betlehem mu, efisɛ ofi Dawid fi ne n'abusua mu,

5 kɔkyerɛw ɔne ne siyere Maria a n'awo abɛn no din.

6 Na ɛbae sɛ wɔwɔ hɔ no, n’awo duu so,

7 na ɔwoo n’abakan barima, de ntama kyekyeree no, de no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya ɔkwan ahɔhodan no mu.


Nguanhwɛfo ne abɔfo no

8 Na nguanhwɛfo bi wɔ saa asase no so da wuram rewɛn wɔn nguankuw anadwo.

9 Na Awurade bɔfo begyinaa wɔn nkyɛn, na Awurade anuonyam haran twaa wɔn ho hyiae, na ehu kɛse kaa wɔn.

10 Na ɔbɔfo no see wɔn sɛ: Munnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛyɛ aman nyinaa dea merebrɛ mo,

11 sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.

12 Na eyi ne mo sɛnkyerɛnne: Mubehu akokoaa a wɔde ntama akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu.

13 Na mpofirim ara ɔsoro asafo bebree bɛkaa ɔbɔfo no ho yii Nyankopɔn ayɛ sɛ:

14 Anuonyam nka Onyankopɔn, wɔ sorosoro na asomdwoe nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asase so.

15 Na ɛbae sɛ abɔfo no fii wɔn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yɛnkɔ Betlehem, na yɛnkɔhwɛ nea aba a Awurade ayi akyerɛ yɛn yi ɛ!

16 Na wɔkɔɔ ntɛm so, na wokohuu Maria ne Yosef ne akokoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka no mu.

17 Na wohuu no no, wɔkaa abofra no ho asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no.

18 Na nea nguanhwɛfo no kae no yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa.

19 Na Maria de, ɔde nsɛm yi nyinaa siei dwennwen ho ne koma mu.

20 Na nguanhwɛfo no san kɔe kɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na woyii no ayɛ wɔ nea wɔtee na wokohui sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn no nyinaa nti.


Abofra no dinto

21 Na odii nnawɔtwe a wɔrebetwa no twetia no, wɔtoo ne din Yesu sɛnea ɔbɔfo no kyerɛe ansa na wɔrenyinsɛn no no.


Wɔde abofra no kɔ Yerusalem

22 Na wɔn ahodwira nna dui sɛnea Mose mmara se no, wɔde no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔma Awurade

23 (sɛnea wɔakyerɛw Awurade mmara mu sɛ: Ɔbarima biara a obebue ɔyafunu ano no, wɔbɛfrɛ no kronkron ama Awurade,)

24 na wɔakɔbɔ afɔre sɛnea ɛte Awurade mmara mu no: Nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien.


Simeon

25 Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi teɛ, osuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekye no, na Honhom Kronkron wɔ no so.

26 Na Honhom Kronkron no ayi akyerɛ no sɛ ɔrenhu owu, gye sɛ wahu Kristo a ɔyɛ Awurade no ansa.

27 Na Honhom no ma ɔkɔɔ asɔrefi hɔ; na abofra Yesu no awofo de no bae sɛ wɔrebɛyɛ sɛnea mmara no te ama no no,

28 ɔfaa no too n’abasa so, yii Onyankopɔn ayɛ na afei ɔkae sɛ:

29 Awurade, afei woregya w’akoa kwan asomdwoe mu sɛnea w’asɛm se;

30 efisɛ m’ani ahu wo nkwagye

31 a woasiesie aman nyinaa anim,

32 ɔkanea a ɛbɛma amanaman so atew na ɛbɛhyɛ wo man Israel anuonyam.

33 Na nea wɔkae ne ho no yɛɛ n’agya ne ne na nwonwa.

34 Na Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ ne na Maria sɛ: Hwɛ, abofra yi na wɔde no asi hɔ ama Israel mu nnipa bebree asehwe ne sɔre ne sɛnkyerɛnne a wɔbɛkasa atia no,

35 na wo nso, afoa behwirew w’ankasa kra mu, na koma bebree mu adwene ayi adi.


Hana

36 Na odiyifo bea bi a wɔfrɛ no Hana wɔ hɔ. Ɔyɛ Fanuel ba a ofi Aser abusuakuw mu. Wanyin, na ɔwaree ne mmabaabere mu ne ne kunu tenae mfirihyia asɔn.

37 Na ɔyɛ okunafo a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia aduɔwɔtwe anan, na ɔmpa asɔrefi hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Nyankopɔn adesae ne adekyee.

38 Na dɔn no ara mu, ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Nyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a wobegye Yerusalem no nyinaa.


Wɔsan kɔ Nasaret

39 Na wowiee amanne nyinaa yɛ sɛnea Awurade mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurow Nasaret a ɛwɔ Galilea mu.

40 Na abofra no nyinii, na ɔyɛɛ nnam, na nyansa yɛɛ no ma, na Onyankopɔn adom wɔ no so.


Yesu wɔ asɔrefi

41 Na n’awofo kɔ Yerusalem daa afirihyia Twam afahyɛ ase.

42 Na odii mfirihyia dumien no, wɔkɔe sɛnea afahyɛ no ho amanne te.

43 Na wodii nna no wiei, na wɔresan aba no, abofra Yesu no kaa akyiri wɔ Yerusalem, nanso na n’awofo nnim.

44 Na wosusuwii sɛ wafra nnipakuw no mu nti, wɔkɔɔ da koro kwan, na wɔhwehwɛɛ no wɔn abusuafo ne amannifo mu.

45 Na wɔanhu no no, wɔsan baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no.

46 Na ɛbae sɛ ne nnansa so no, wokohuu no wɔ asɔrefi sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo ntam retie wɔn na obisabisa wɔn nsɛm.

47 Na wɔn a wotiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuae yɛɛ wɔn nwonwa.

48 Na wohuu no no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na ne na see no sɛ: Ɔba, adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyeraw na ahwehwɛ wo.

49 Na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ me sɛ metena m’agya fi?

50 Na wɔn de, wɔante asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ase.


Yesu setie ne ne nyin

51 Na ɔne wɔn siim san kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee ne komam.

52 Na Yesu nyinii, nyansa ne kɛseyɛ, ne ɔsɔɔ Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn adom mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan