Luka 18 - KYERƐW KRONKRONƆtemmufo a ɔnteɛ no 1 Na obuu wɔn bɛ bi de kyerɛe sɛ etwa sɛ nnipa bɔ mpae daa a wɔmmrɛ ho 2 sɛ: Ɔtemmufo bi tenaa kurow bi mu a onsuro Onyankopɔn, nanso ɔmfɛre nnipa. 3 Na okunafo bi nso tenaa kurow no mu, na ɔbaa ne nkyɛn sɛ: Bu ntɛn gye me me tamfo nsam! 4 Na wampene ma ɛkyɛe kakra. Na akyiri yi ɔkae ne tirim sɛ: Minsuro Onyankopɔn na memfɛre nnipa de, 5 nanso okunafo yi haw me nti, mebu ntɛn mama no, na wamfa ne ba a ɔba daa no ammɛyeraw me ho. 6 Na Awurade se: Muntie nea ɔtemmufo a ɔnteɛ yi ka! 7 Na sɛ Onyankopɔn, tɔ ne bo ase kyɛ wɔn ho nso a, ɔremmu ntɛn nnye wɔn a wapaw wɔn a wosu frɛ no awia ne anadwo no anaa? 8 Mise mo sɛ, obebu ntɛn agye wɔn ntɛm. Nanso onipa ba no ba a, so anka obehu gyidi asase so? Farisini ne towgyeni no 9 Na obuu binom a wɔde wɔn ho too wɔn ho so sɛ wɔteɛ na wommu wɔn a aka no bɛ yi sɛ: 10 Nnipa baanu kɔɔ asɔrefi mpaebɔ; obiako yɛ Farisini, na obiako nso yɛ ɔtowgyeni. 11 Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpae ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛnea nnipa a aka no te: Amimfo, nkontompofo, ayerefafo anaa mpo ɔtowgyeni yi mpo. 12 Midi mmuada nnawɔtwe mu mpɛn abien, mede nea minya nyinaa so ntotoso du du mema. 13 Na ɔtowgyeni no de ogyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ ɔsoro po, na mmom ɔbɔɔ ne koko kae sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛfo mmɔbɔ! 14 Mise mo sɛ: Oyi de bem kɔɔ ne fi mmom sen obiako no; na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so. Yesu hyira mmofra ( Mateo 19.13-15 ; Marko 10.13-16 ) 15 Na wɔde nkokoaa nso brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn; na asuafo no hui no, wɔkaa wɔn anim. 16 Na Yesu frɛɛ mmofra no bae see asuafo no sɛ: Momma mmofra no mmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan! Na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea. 17 Nokware mise mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn ahenni sɛ abofra no, ɔrenkɔ mu koraa. Daa nkwa ( Mateo 19.16-29 ; Marko 10.17-30 ) 18 Na ɔpanyin bi bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa? 19 Na Yesu see no sɛ: Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye obiako, ɔne Nyankopɔn. 20 Wunim mmara nsɛm no: Nsɛe aware! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di w’agya ne wo na ni! 21 Na ɔkae sɛ: Eyinom nyinaa, mifi me mmofraase na midii so. 22 Na Yesu tee saa no, osee no sɛ: Ɛda so ka wo ade biako, kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafo, na wubenya ademude ɔsoro; na bra bedi m’akyi! 23 Na ɔtee eyi no, ɛyɛɛ no awerɛhow sɛ; efisɛ ɔyɛ ɔdefo kɛse. Ahonyade mu asiane 24 Na Yesu hwɛɛ no kae sɛ: Sɛ moahu den a ɛyɛ ma asikafo ne adefo sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu! 25 Na ɛyɛ mmerɛw ma yoma sɛ ɔbɛfa paane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu. 26 Na wɔn a wɔtee no kae sɛ: Ɛnne hena na wobetumi agye no nkwa? 27 Na ɔkae sɛ: Nea entumi nyɛ hɔ nnipa fam no, Onyankopɔn fam de, ebetumi ayɛ hɔ. Ahopakyi so akatua 28 Na Petro se: Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa na yɛabedi w’akyi. 29 Na osee wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ: Obi nni hɔ a wagyaw ofi anaa ɔyere anaa anuanom anaa awofo anaa mma Onyankopɔn ahenni nti, 30 na ɔrennya no mmɔho pii ɛbere yi mu, ne wiase a ɛreba no mu daa nkwa. Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ a ɛto so abiɛsa ( Mateo 20.17-19 ; Marko 10.32-34 ) 31 Na ɔfaa dumien no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na nneɛma a adiyifo no akyerɛw afa Onipa Ba no ho nyinaa bɛba mu. 32 Na wobeyi no ahyɛ wiase aman sodifo nsa, na wɔagoru ne ho, na wɔabɔ no adapaa, na wɔatete ntasu agu no so, 33 na wɔabɔ no mmaa, na wɔakum no, na da a ɛto so abiɛsa no, wasɔre bio. 34 Na wɔn de, wɔante eyinom biara ase, na asɛm yi ahintaw wɔn, na wɔanhu nea ɔkae no. Onifuraefo bi adehu ( Mateo 20.29-34 ; Marko 10.46-52 ) 35 Na ɛbae sɛ ɔrebɛn Yeriko no, na onifuraefo bi te kwankyɛn resrɛsrɛ ade. 36 Na ɔtee sɛ nkurɔfokuw bi retwam no, obisaa nea ɛrekɔ so. 37 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, Yesu Nasareni no na ɔretwam. 38 Na ɔteɛɛm sɛ: Yesu, Dawid ba, hu me mmɔbɔ! 39 Na wɔn a wodi kan no kaa n’anim sɛ ommua n’ano; nanso ɔkɔɔ so teɛteɛɛm dennen sɛ: Dawid ba, hu me mmɔbɔ! 40 Na Yesu gyina hyɛe sɛ wɔmfa no mmrɛ no. Na ɔbɛnee no, obisaa no 41 sɛ: Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo? Na ɔkae sɛ: Awurade, ma minhu ade. 42 Na Yesu see no sɛ: Hu ade! Wo gyidi agye wo. 43 Na amonom hɔ ara ohuu ade, na odii n’akyi de anuonyam maa Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa hui no, wɔde ayeyi maa Onyankopɔn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana