Luka 15 - KYERƐW KRONKRONOguan a wayera no ( Mateo 18.12-14 ) 1 Na towgyefo ne nnebɔneyɛfo no nyinaa twiw bɛn no sɛ wɔrebetie no. 2 Na Farisifo ne akyerɛwfo no nwiinwii kae sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfo, na ɔne wɔn didi. 3 Enti Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ: 4 Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nguanten ɔha na wɔn mu biako kɔyera a, ɔrennyaw aduɔkron akron no sare so, na onni nea wayera no akyi nkosi sɛ obehu no? 5 Na sɛ ohu no a, ɔde no bɔ ne kɔn ho, na n’ani gye. 6 Na ɔba fie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo boa ano ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo ne me ani nnye, efisɛ mahu me guan a ɔyerae no. 7 Mise mo sɛ: Saa ara na anigye bɛba ɔsoro, ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho sen nnipa trenee aduakron akron a enhia wɔn adwensakra. Dwetɛbona a ayera no 8 Anaasɛ ɔbea bɛn na ɔwɔ nnwetɛbona du, na emu biako yera a, ɔrensɔ kanea, na ɔmpra ɔdan no mu, na ɔnhwehwɛ yiye nkosi sɛ obehu? 9 Na ohu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo boa ano, na ɔka sɛ: Mo ne me ani nnye, na mahu me dwetɛbona a ɛyerae no. 10 Saa ara na mise mo sɛ: Anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho. Ɔba hohwini 11 Na ose: Onipa bi wɔ mmammarima baanu. 12 Na wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Agya, fa ahode a ɛbɛyɛ me dea no ma me! Na ɔkyɛɛ n’ahode mu maa wɔn. 13 Na anni da bi na ɔba akumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na otuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so; ɛhɔ na ɔkɔbɔɔ ahohwi bra sɛee n’ahode nyinaa. 14 Na ɔhweree ne nyinaa wiei no, ɔkɔm kɛse bi baa asase no so, na efii ase hiaa no. 15 Na ɔde ne ho kɔdan asase no so hɔni bi; na ɔma ɔkɔɔ ne mfuw mu kɔhwɛɛ mprako. 16 Na ne kɔn dɔe sɛ ɔde asɛhono a mprako no di no bi hyɛ n’afuru ma; nanso obiara amma no. 17 Na n’ani baa ne ho so no, ɔkae sɛ: Apaafo ahe na m’agya nni a wonnya aduan mma ɛmmoro so; na me de, ɔkɔm rekum me yi. 18 Mɛsɔre makɔ m’agya nkyɛn, na m'ase no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne. 19 Na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio, na yɛ me sɛ w’apaafo no mu biako! 20 Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya huu no, na ne yam hyehyee no, na otutuu mmirika kosoo ne kɔn mu, na ofew n’ano. 21 Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio. 22 Ɛnna agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atade a eye no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan; 23 na momfa nantwi ba a wadɔ srade no mmra mmekum no, na yenni, na yɛn ani nnye, 24 efisɛ me ba yi wui, na wanyan bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wofii ase gyee wɔn ani. 25 Na ne ba panyin no wɔ afum; na ɔreba na ɔrebɛn fie no, ɔtee asanku ne asaw. 26 Na ɔfrɛɛ asomfo no mu biako bisaa no asɛm ko a aba. 27 Na osee no sɛ: Wo nua aba, na w’agya akum nantwi ba a wadɔ srade no, efisɛ ne nsa aka no akwahosan mu. 28 Na ne bo fuwii, na wampɛ sɛ ɔkɔ mu. Ɛnna n’agya fii adi bɛkorɔkorɔɔ no. 29 Na obua see agya no sɛ: Hwɛ mfirihyia dodow yi a mede masom wo, nso memfom wo mmara so da; nanso wommaa me abirekyiba mpo sɛ me ne me nnamfo mfa nkogye yɛn ani da. 30 Na wo ba yi a ɔne nguaman adi w’ahode no bae ara pɛ de, woakum nantwi ba a wadɔ srade no ama no. 31 Na n'agya see no sɛ: Ɔba, wowɔ me nkyɛn daa, na nea mewɔ nyinaa yɛ wo dea. 32 Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye na yɛn bo tɔ yɛn yam, efisɛ wo nua yi wui, na wanyan; na ɔyerae, na wɔahu no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana