Luka 14 - KYERƐW KRONKRONYesu sa obi a ɔyare sesaborɔ yare homeda 1 Na ɛbae sɛ homeda bi, ɔkɔɔ Farisifo panyin bi fi no, na wɔretɛw no. 2 Na hwɛ, onipa bi wɔ n’anim a ɔyare sesaborɔ. 3 Na Yesu see mmarakyerɛfo ne Farisifo no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yare homeda anaa? 4 Na wɔyɛɛ komm. Na ɔfaa no saa no yare, na ɔma ɔkɔe. 5 Na obisaa wɔn sɛ: Mo mu hena na n’afurum anaa nantwi kɔtɔ abura mu a, ɔrenkɔtwe no ntɛmntɛm homeda? 6 Na wɔantumi ammua no eyinom ho bi bio. Ahobrɛase 7 Na ɔde n’ani karii wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn adidi no sɛnea wɔpaw mpanyin tenabea no, obuu wɔn bɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 8 Sɛ obi to nsa frɛ wo ayeforo ase a, nkɔtena mpanyin tenabea! Ebia wɔato nsa afrɛ nea n’anim yɛ nyam sen wo. 9 Na nea ɔtoo nsa frɛɛ wo ne no no ba a, obese wo sɛ: Ma oyi kwan! Na ɛno na wode aniwu befi akɔfa akyiri tenabea. 10 Na sɛ wɔto nsa frɛ wo a, kɔ na kɔtena akyiri tenabea! Na nea ɔtoo nsa frɛɛ wo no ba a, waka akyerɛ wo sɛ: Damfo, twiw kɔ soro noho! Ɛno na wubenya nidi wɔn a wɔne wo te adidii no anim. 11 Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so. Ahiafo adidifrɛ 12 Na osee nea ɔtoo nsa frɛɛ no no nso sɛ: Sɛ wotow pon awia anaa anwummere a, mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, w’abusuafo anaa w'afipamfo adefo! Na wɔn nso anto nsa amfrɛ wo bi, na woannya so akatua. 13 Na wotow pon a, frɛ ahiafo, mmubuafo, mpakye ne anifuraefo, 14 na woanya nhyira; efisɛ wonni nea wɔde betua wo so ka. Na atreneefo sɔre mu na wobetua wo so ka. Apontow kɛse no ( Mateo 22.2-10 ) 15 Na wɔn a wɔne no te adidii no mu biako tee saa no, osee no sɛ: Nhyira ne nea obedidi Onyankopɔn ahenni mu! 16 Na Yesu see no sɛ: Onipa bi tow pon kɛse, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. 17 Na adidi bere dui no, ɔsomaa n’akoa sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no sɛ: Mommra, na wɔasiesie nneɛma awie. 18 Na wɔn nyinaa fii ase kaa asɛnkoro yiyii wɔn ho ano. Nea odi kan see no sɛ: Matɔ afuw, na ehia me sɛ mekɔhwɛ; mesrɛ wo, yi me fi mu! 19 Na ɔfoforo se: Matɔ anantwi mpamho anum, na merekɔsɔ wɔn mahwɛ; mesrɛ wo, yi me fi mu! 20 Na ɔfoforo se: Maware yere, enti merentumi mma. 21 Na akoa no bae bɛkaa nsɛm no kyerɛɛ ne wura. Ɛnna ofiwura no bo fuwii, na osee n’akoa no sɛ: Fi adi ntɛm kɔ kurow no mmɔnten ne mprama so, na kɔfa ahiafo, mmubuafo, anifuraefo ne mpakye bra! 22 Na akoa no se: Owura, wɔayɛ sɛnea wohyɛe no, nanso afa da so wɔ hɔ. 23 Na owura no ka kyerɛɛ akoa no sɛ: Fi adi kɔ akwan so ne ban ho, na kɔhyɛ wɔn na wɔmmra, na me fi ha nyɛ ma. 24 Na mise mo sɛ: Nnipa a wɔato nsa afrɛ wɔn no mu biara renka m’aduan no nhwɛ. Kristo frɛ a ɔfrɛ nnipa ( Mateo 10.37-38 ) 25 Na nkurɔfo akuwakuw pii ne no nam. Na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 26 Sɛ obi ba me nkyɛn na wantan n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarima ne ne nuammea ne n’ankasa ne ho nso a, ontumi nyɛ me suani. 27 Na obiara a ɔnsoa n’asɛnnua na onni m’akyi no, ontumi nyɛ me suani. Akontaabu 28 Na mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentena ase mmu ho akontaa ansa, sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie? 29 Ebia wafi ase no, wantumi anwie a, wɔn a wohu nyinaa fi ase goru ne ho 30 sɛ: Onipa yi fii ase toe, na wantumi anwie. 31 Anaasɛ ɔhene bɛn na ɔne ɔhene bi rekɔko, na ɔntena ase nnwene ho kan sɛ obetumi de ɔpedu akohyia nea ɔde ɔpeduonu reba ne so no? 32 Anyɛ saa a, obiako no wɔ akyirikyiri no, otu abɔfo kɔsrɛ sɛ wɔmpata. 33 Saa ara nso na mo mu biara a onnyaw nea ɔwɔ nyinaa ntumi nyɛ me suani. 34 Nkyene ye. Na sɛ nkyene dɛw tu a, dɛn na wɔde to mu ma ɛyɛ dɛ bio? 35 Ɛmfata fam anaa sumina so, na wɔtow gu. Nea ɔwɔ aso betie no, ontie! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana