Luka 11 - KYERƐW KRONKRONAwurade mpaebɔ ( Mateo 6.9-13 ) 1 Na ɛbae sɛ ɔwɔ baabi rebɔ mpae na ogyaee no, n’asuafo no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ, sɛnea Yohane nso kyerɛɛ n’asuafo no. 2 Na Yesu see wɔn sɛ: Mobɔ mpae a, monka sɛ: Agya, wo din ho ntew, w’ahenni mmra. 3 Ma yɛn yɛn daa aduan daa! 4 Na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, efisɛ yɛn nso de kyɛ obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu! Daa mpaebɔ 5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mu hena na ɔwɔ adamfo, na ɔbɛkɔ ne nkyɛn ɔdasum mu akɔka akyerɛ no sɛ: Damfo, fɛm me abodoo abiɛsa, 6 na m’adamfo bi fi kwan so aba me nkyɛn, na minnya biribi memma no. 7 Na ofi mu noho bebua no sɛ: Nhaw me, na wɔato pon mu, na me mma wɔ me nkyɛn wɔ mpa so, na mintumi mensɔre mmɛma wo. 8 Mise mo sɛ: Adamfo nko so de a, anka ɔrensɔre mmɛma no; na n’anuɔden nti ɔbɛsɔre abɛma no dodow a ehia no. Bɔhyɛ ahorow abiɛsa ( Mateo 7.7-11 ) 9 Nso mise mo sɛ: Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobehiɛ mo. 10 Na obiara a obisa no, onya; na nea ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wohiɛ no. 11 Na mo mu hena na ɔyɛ agya, na ne ba bisa no abodoo a, ɔbɛma no ɔbo? Anaasɛ nso obisa no apataa a, ɔde ɔwɔ bɛyɛ apataa ama no? 12 Anaasɛ nso obisa nkesua a, ɔbɛma no akekantwɛre? 13 Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wobisa no? Nkɔnkɔnsa bi ho mmuae ( Mateo 12.22-30 ; 12.43-45 ; Marko 3.22-27 ) 14 Na ɔretu honhommɔne bi a ɔyɛ mum. Na ɛbae sɛ honhommɔne no fii adi no, mum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no nwonwa. 15 Na wɔn mu binom kae sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panyin Beelsebul so na etu ahonhommɔne. 16 Na ebinom sɔɔ no hwɛe hwehwɛɛ ne nkyɛn sɛnkyerɛnne bi a efi soro. 17 Nanso na onim wɔn adwene nti, osee wɔn sɛ: Ahenni biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no dan amamfo, na ofi ne fi a edi mpaepaemu no nso bɔ. 18 Na sɛ Satan nso ne ne ho di mpaepaemu a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahenni agyina? Sɛ muse: Menam Beelsebul so na etu ahonhommɔne. 19 Na sɛ menam Beelsebul so mitu ahonhommɔne a, hena so na mo mma nam tu wɔn? Enti wɔbɛyɛ mo atemmufo. 20 Na sɛ mede Nyankopɔn nsatea mitu ahonhommɔne a, ɛnne na Onyankopɔn ahenni aba mo so. Ɔbonsam tumi so nkonimdi 21 Sɛ ɔhoɔdenfo amia rewɛn ne fi a, n’ahode wɔ hɔ komm. 22 Na sɛ nea ɔsen no ahoɔden ba no so na odi no so nkonim a, ogye n’akode a n’ani da so no, na ɔkyɛ n’asade mu. 23 Nea ɔnka me ho no, na ɔne me anya; na nea ɔne me mmoaboa ano no hwete mu. Aniani ha adeyɛ nkyɛ 24 Sɛ honhom fi, fi onipa mu a, okokyinkyin nkyerekyerewa so hwehwɛ ɔhome; na onnya bi a, ose: Mɛsan makɔ me dan a mifi mu mebae no mu. 25 Na ɔba a, obehu sɛ wɔaprapra mu na wɔahyehyɛ mu. 26 Afei ɔkɔ kɔfa ahonhom foforo ason a wɔyɛ bɔne sen n’ankasa ka ne ho, na wɔbɛhyɛn mu a, wɔtena hɔ; na onipa no akyiri asetena yɛ bɔne sen kan de no. Osetie 27 Na ɛbae sɛ ɔreka eyinom no, ɔbea bi a ɔwɔ nkurɔfokuw no mu maa ne nne so ka kyerɛɛ no sɛ: Nhyira ne yafunu a ɛwoo wo ne nufu a wunumii! 28 Na ɔno de, ɔkae sɛ: Ampa ara nhyira ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so! Yudafo fɔdi kyɛn amanaman mufo de ( Mateo 12.38-42 ) 29 Na nkurɔfo akuwakuw no boaboaa wɔn ho ano pitipiti no, ofii ase kae sɛ: Nnɛ mma yi yɛ abusua bɔne; wɔhwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, sɛ Yona sɛnkyerɛnne no. 30 Na sɛnea Yona yɛɛ sɛnkyerɛnne maa Niniwefo no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛyɛ ama nnɛ mma yi. 31 Anafo hemmaa no ne nnɛ mma yi mu mmarima bɛsɔre atemmu no mu, na wabu wɔn fɔ; efisɛ ofi asase ano noho betiee Solomon nyansa. Na hwɛ, nea ɔsen Solomon wɔ ha yi. 32 Niniwe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu, na wɔabu wɔn fɔ; efisɛ Yona asɛnka nti wɔsakraa wɔn adwene. Na hwɛ, nea ɔsen Yona wɔ ha yi. Kanea adwuma ( Mateo 6.22-23 ) 33 Obi nsɔ kanea mfa nhyɛ kokoam anaa ɔkorow ase, na ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔba mu no ahu ne haran. 34 Wo nipadua kanea ne w’aniwa. Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa nso bɛyɛ hann; na sɛ enye a, wo nipadua nso bɛyɛ kusuu. 35 Enti hwɛ yiye, na hann a ɛwɔ wo mu no annan sum. 36 Enti sɛ wo nipadua nyinaa yɛ hann na baabiara nni sum a, ne nyinaa bɛyɛ hann, sɛnea kanea de ne hyerɛn ma wo hann no. Farisini bi fi adidi ( Mateo 23.1-36 ) 37 Na ɔrekasa no, Farisini bi srɛɛ no sɛ ɔne no nkodidi; enti ɔkɔɔ mu kɔtenaa ase. 38 Na Farisini no hui sɛ wanhohoro ne nsa ansa na ɔredidii no, ɛyɛɛ no nwonwa. 39 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Afei mo Farisifo de, mohohoro kuruwa ne prɛte ho; na mo mu de, amim ne nnebɔne ahyɛ mu ma. 40 Nkwasea, ɛnyɛ nea ɔyɛɛ akyiri no na ɔyɛɛ emu nso? 41 Na hwɛ, nea ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔe; ɛno na ne nyinaa ho befi ama mo. 42 Na mo Farisifo, munnue sɛ moma ɛme ne onunum ne fan nyinaa so ntotoso du du, na mugyaw atemmu ne Nyankopɔn dɔ hɔ. Eyi na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mugyaw nea ɛka ho no. 43 Mo Farisifo, munnue, sɛ mopɛ mpanyin tenabere hyia adan mu ne gua so nkyia. 44 Munnue sɛ mote sɛ nna a ɛnna adi, na nnipa a wɔnam so no nhu. 45 Na mmarakyerɛfo no mu biako buaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, woka saa a, na wobɔ yɛn nso adapaa. 46 Na ɔkae sɛ: Mo mmarakyerɛfo nso, munnue sɛ mode nnosoa a ne soa yɛ yaw soa nnipa, na mo ankasa de, momfa mo nsatea mu biako po nka nnosoa no. 47 Munnue sɛ moto adiyifo a, mo agyanom na ekum wɔn no nna so. 48 Sɛnea mudi mo agyanom nnwuma ho adanse na mopene nen, sɛ wɔn na wɔkum wɔn, na mo nso na moto wɔn ada so. 49 Eyi nti nso na Onyankopɔn nyansa no se: Mɛsoma adiyifo ne asomafo akɔ wɔn mu, na wɔakum na wɔataa wɔn mu binom, 50 na wɔahwehwɛ adiyifo nyinaa mogya a wohwie gui fi wiase asehyɛ so wɔ nnɛ mma yi nsam, 51 efi Habel mogya so de kosi Sakaria a ɔtɔe afɔremuka ne asɔredan ntam no mogya so. Yiw, mise mo sɛ, wɔbɛhwehwɛ wɔ nnɛ mma yi nsam. 52 Mo mmarakyerɛfo, munnue sɛ moafa nimdeɛ safe; mo ankasa monkɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso, musiw wɔn kwan. 53 Na ofi hɔ kɔe no, Akyerɛwfo ne Farisifo no fii ase hyɛɛ no so pii, na wɔhyɛɛ no kasa wɔ nsɛm bebree ho, 54 na wɔtɛw no hwehwɛe sɛ wobenya n’anom asɛm bi. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana