Luka 10 - KYERƐW KRONKRONAsɛmpakafo aduɔsɔn no ( Mateo 10.7-16 ) 1 Eyinom akyi no, Awurade yii nnipa aduɔsɔn bio, 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Otwa adwuma no so, na adwumayɛfo no de, wosua; enti monsrɛ otwa wura no, na ontu adwumayɛfo mmra ne twa no mu. 3 Monkɔ! Hwɛ, meresoma mo sɛ nguanten akɔ mpataku mu. 4 Mommfa sika kotoku anaa akwantu bɔtɔwa anaa mpaboa; na munnkyia obi ɔkwan mu! 5 Na ofi biara a mobɛkɔ mu no, munse kan sɛ: Asomdwoe mmra ofie ha! 6 Na sɛ asomdwoe ba wɔ hɔ a, mo asomdwoe bɛtena no so; na sɛ ɛnte saa a, ɛbɛsan aba mo so. 7 Na ofie hɔ ara na montena, na munni na monnom nea ɛwɔ wɔn nsam; na odwumayɛfo akatua sɛ no. Mummfi ofi biako mu nnkɔ ofi foforo mu! 8 Na kurow biara a mobɛkɔ mu no, wogye mo a, munni nea wɔde besi mo anim! 9 Na monsa emu ayarefo yare, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni abɛn mo. 10 Na kurow biara a mobɛkɔ mu na wɔrennye mo no, mumfi adi nkɔ kurow no abɔnten so, na monka sɛ: 11 Mfuturu a efi mo kurow mu a ahura yɛn anan ho po, yɛreprapra agu mo so; na ɛyɛ dɛn ara a, munhu eyi sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn mo. 12 Na mise mo sɛ, ɛda no, ɛbɛfanim Sodom asen kurow no. Korasin, Betsaida ne Kapernaum 13 Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ ahoɔdenne a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔfurafuraa ayitam tenatenaa nso mu sakraa wɔn adwene ntɛm ara. 14 Nso atemmu mu no, ɛbɛfanim Tiro ne Sidon asen mo. 15 Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ ɔsoro anaa? Hwɛ, wɔbɛbrɛ wo ase akɔ asamando. 16 Nea otie mo no, watie me; na nea ɔpa mo no, wapa me. Na nea ɔpa me no, wapa nea ɔsomaa me no. Aduɔsɔn no sanba 17 Na aduɔsɔn no de anigye san bae bɛkae sɛ: Awurade, wo din nti ahonhommɔne po abrɛ wɔn ho ase ama yɛn. 18 Na osee wɔn sɛ: Mihuu Satan sɛ ofi soro hwee ase sɛ anyinam. 19 Hwɛ, mema mo tumi sɛ muntiatia awɔ ne nkekantwɛre ne ɔtamfo no ahoɔden nyinaa so; na biribiara rentumi nyɛ mo hwee. 20 Nanso eyi mu de, mommma mo ani nnnye sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo; na mmom momma mo ani nnye sɛ wɔakyerɛw mo din ɔsoro. Yesu aseda mpae ( Mateo 11.25-27 ) 21 Ɛdɔn no ara mu ne ho san no honhom mu, na ɔkae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa. Yiw, Agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ wɔ w’anim. 22 M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obi nnim nea Ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim nea Agya no yɛ, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no. 23 Na ɔdan ne ho kyerɛɛ asuafo no ka kyerɛɛ wɔn nko sɛ: Nhyira ne aniwa a ehu nea muhu yi; 24 na mise mo sɛ, adiyifo ne ahene bebree pɛe sɛ anka wohu nneɛma a muhu yi, na wɔanhu, na wɔte nneɛma a mote yi, na wɔante. Daa nkwa nya 25 Na hwɛ, mmarakyerɛfo bi sɔre gyinaa hɔ sɔɔ no hwɛe sɛ: Kyerɛkyerɛfo, menyɛ dɛn na manya daa nkwa? 26 Na Yesu ka kyerɛɛ no se: Dɛn na wɔakyerɛw mmara no mu? Wokan no dɛn? 27 Na obuae sɛ: Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn; na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho. 28 Na osee no sɛ: Woabua no yiye; yɛ eyi, na wubenya nkwa. 29 Na ɔno de, ɔpɛe sɛ obu ne ho bem, nti obisaa Yesu sɛ: Na hena ne me yɔnko? Samariani yɔnko pa no 30 Na Yesu yii ano sɛ: Onipa bi fi Yerusalem sian kɔɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akwamukafo mu, na wɔpaa ne ho ntama bobɔɔ no, gyaw no hɔ kɔe a watɔ berɛw. 31 Na ɛbae sɛ ɔsɔfo bi bɛfaa ɔkwan no so; na obehuu no no, otwaa ne ho kɔe. 32 Saa ara nso na Lewini bi a ɔbaa hɔnom, na obehuu no no, otwaa ne ho kɔe. 33 Na Samariani bi a ɔnam ne kwan baa nea ɔwɔ hɔ, na ohuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. 34 Na ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔkyekyeree n’akuru no de ngo ne nsa guguu mu, na ɔde no tenaa n’ankasa aboa so de no kɔɔ ahɔhodan mu kɔhwɛɛ no. 35 Na ade kyee no, oyii denare abien de maa ahɔhodan mu panyin no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ no, na biribiara a wobɛhwere aka ho no, mesan meba a, mɛhyɛ wo anan mu. 36 Afei wɔn baasa yi mu hena na wususuw sɛ wayɛ nea ɔkɔtɔɔ akwamukafo mu yi yɔnko? 37 Na ose: Nea ohuu no mmɔbɔ no. Ɛnna Yesu see no sɛ: Kɔ, na wo nso kɔyɛ saa ara! Marta ne Maria 38 Na ɛbae sɛ wɔrekɔ no, ɔkɔɔ akuraa bi ase. Na ɔbea bi a wɔfrɛ no Marta faa no kɔɔ ne fi. 39 Na ɔwɔ onuabea bi a wɔfrɛ no Maria a ɔtenaa Awurade nan ase tiee n’asɛm. 40 Na Marta de, ɔbrɛɛ ne ho ɔsom pii ho; na obegyinaa hɔ kae sɛ: Awurade, wonhwɛ sɛ me nua agyaw me nko hɔ na meresom? Enti ka kyerɛ no, na ommeso me mu abia. 41 Na Awurade bua see no sɛ: Marta, Marta, wudwinnwen na wohaw wo ho nneɛma pii ho; 42 na ade biako na ehia: Maria de, wayi nea eye no, ɛno na wɔrennye ne nsam. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana