Kwadwom 5 - KYERƐW KRONKRONMmɔborohunu ho adesrɛ 1 AWURADE, kae nea aba yɛn so, hwɛ na hu yɛn ahohora! 2 Yɛn agyapade adan ahɔho de, yɛn afi ayɛ ananafo de; 3 yɛadannan nyisaa ne nnyanka, yɛn nanom te sɛ akunafo. 4 Nsu a yɛnom no, ɛsɛ sɛ yetua ka; yɛn nnyina, wɔtɔn ma yɛn. 5 Wokura yɛn kɔn akyi ka yɛn kɔ; yɛbrɛ, wɔmma yennya ahomeye. 6 Yɛde yɛn ho ma Misraim ne Asiria, na yɛanya aduan adi amee. 7 Yɛn agyanom ayɛ bɔne, nso wonni hɔ; na yɛn na yɛso wɔn amumɔyɛ. 8 Nkoa di yɛn so, nea ɔbɛgye yɛn afi wɔn nsam nni hɔ. 9 Yɛn kra da yɛn nsam na yɛkɔpɛ yɛn aduan, efisɛ afoa wɔ sare so. 10 Yɛn were ayɛ hyerehyere sɛ ɔfononoo, sɛ ɔkɔm a ano yɛ hyew no nti. 11 Wɔhyɛ Sion mmea ne wɔn da, Yuda nkurow mu mmabaa, nyinaa. 12 Wɔde wɔn nsa sensɛn mmapɔmma, wonni mpanyin anim ni; 13 wɔma mmerante yam awiyammo so, na mmofra hwehwe ase, nnyina ase; 14 mpanyimfo agyae kurow apon mu ba, mmerante agyae wɔn sankubɔ. 15 Yɛn koma ahosan agyae, yɛn asaw adan nkɔmmɔdi. 16 Yɛn abotiri ayi atɔ fam; yɛn ara yennue, na yɛayɛ bɔne. 17 Eyi nti na yɛn koma agurow, eyinom nti na yɛn ani so ayɛ kusuu. 18 Sion bepɔw a ayɛ amamfo nti, sakraman nenam so. 19 Wo AWURADE, wote hɔ daa, w’agua tim hɔ, awo ntoatoaso nyinaa mu. 20 Adɛn nti na wo werɛ fi yɛn ma ɛkyɛ saa, na woagyaw yɛn dedaadaw yi? 21 AWURADE, san yɛn bra wo nkyɛn, na yɛnsan, ma yɛn nna nyɛ foforo sɛ tete de no. 22 Anaasɛ ɔpa na woapa yɛn koraa, so wo bo afuw yɛn mmoroso? |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana