Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Kwadwom 4 - KYERƐW KRONKRON


Yuda asotwe ne n’animtiaabu

1 Ao, sɛ sika abiri tumm, sɛɛ na sika kɔkɔɔ pa a ɛhyerɛn no asakra ni! Wɔatotow kronkronbea abo no agu mmorɔn nyinaa so.

2 Sion mma a wɔn bo yɛ den a wɔde amapa kari wɔn no, esii dɛn na wobuu wɔn sɛ dɔte nkuku, ɔnwemfo nsa ano adwuma yi?

3 Sakraman po twetwe wɔn nufu ma wɔn mma num; nanso me nkurɔfo adan atirimmɔdenfo te sɛ nsohori wɔ sare so.

4 Osukɔm ma akokoaa tɛkrɛma fam ne dodo mu, mmotafowa srɛ abodoo, obi nni hɔ a obu bi ma wɔn.

5 Wɔn a wodii adɔkɔdɔkɔde no ayɛ pasaa, mmorɔn so; wɔn a wɔyɛn wɔn atankɔkɔɔ so no yɛ sumina atuu.

6 Na me man babea amumɔyɛ so sen Sodom bɔne no, ɛno na wobutuwii afrɛso a ɛnyɛ nsa na ɛsɛee no.

7 N’ahotuafo ho tew sen sukyerɛma, fitaa nso sen nufusu; wɔn honam bere sen ntwoma, wɔn nipadua te sɛ hoabo.

8 Afei de, wɔn anim biri sen gyabiriw, wohu wɔn mmorɔn so a, wonhu wɔn; wɔn were afomfam wɔn nnompe ho, akyen kyenkyenenn ayɛ sɛ dua.

9 Wɔn a wɔtotɔ afoa ano no de ye sen wɔn a wɔtotɔ ɔkɔm ano a afuw mu nnɔbae a abɔ wɔn nti wokisa hyew no.

10 Mmea a wɔn yam hyehye wɔn de wɔn nsa noaa wɔn yafumma; wɔde wɔn yɛɛ aduan, me man babea sɛe no mu.

11 AWURADE ayi n’abufuhyew no adi, wahwie n’abufuw a ano yɛ den no agu; wasɔ Sion mu gya, ma ahyew ne nnyinaso.

12 Asase so ahene ne wiasefo nyinaa annye anni, sɛ ɔhohiafo ne ɔtamfo bɛba abɛhyɛn Yerusalem apon mu.

13 N’adiyifo bɔne, n’asɔfo amumɔyɛ nti na ɛbae saa; emu na wohwiee treneefo mogya gui.

14 Wɔkeka sɛ anifuraefo, mmorɔn so, wɔde mogya agugu wɔn ho fi a enti wontumi nka wɔn ntade.

15 Wɔteɛɛm kyerɛɛ wɔn sɛ: Momman! Mo a mo ho akum! Momman, momman, mommfa mo nsa nnka! Woguanee, wokokyinkyinii, wɔkae amanaman mu sɛ: Wɔrenkɔ so ntena ha bio!

16 AWURADE abufuw apansam wɔn, ɔrenkɔ so nhwɛ wɔn; wɔnhwɛ asɔfo anim, mpanyin anim amma onyam.

17 Yɛn ani da so rehwɛ yɛn boa huhuw kwan, yɛn ahwɛe hɔ na yɛhwɛ ɔman a wontumi nnye yɛn nkwa no kwan ara.

18 Wɔtoaa yɛn anammɔn, na yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so. Yɛn awiei abɛn, yɛn nna ahi; yiw, yɛn awiei adu!

19 Yɛn atiwfo ho yɛ hare sen ɔsoro akɔre; wotiw yɛn hyerebahyereba mmepɔw so, wɔtetɛw yɛn sare so.

20 Yɛn hwene mu ahome, nea AWURADE asra no no, wɔakyere no wɔn amoa mu, ɔno a yɛkae sɛ: Ne nwini ase na yebenya nkwa, amanaman no mu.

21 Ma wo ho nsan wo na w’ani nnye, Edom babea a wote Us asase so no; wo nso so na amanehunu no rebetwam aba, wobɛbow na w’adagyaw so ada hɔ.

22 Sion babea, w’amumɔyɛ so akatua asa! Ɔremma wonkɔ so ntena otukɔ mu; nanso Edom babea, ɔbɛba abetua w’amumɔyɛ so ka, na obeyi wo bɔne adi!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan