Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Kwadwom 3 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn man no amanehunu ne wɔn awerɛkyekye

1 Mene ɔbarima a wahu amane, wɔ n’anibere abaa no ano!

2 Waka me de me akɔ sum mu, nea hann nni;

3 me nko so na ɔdan ne nsa ba, dan ba, daa adesae.

4 Wama me honam ne me were ayɛ afo, wabubu me nnompe.

5 Wato fasu afa me ho, na ɔde bɔre ne brɛ atwa me ho ahyia;

6 ɔde me atena sum mu, sɛ tete bemee awufo.

7 Wabɔ me ho ban, na mintumi mimfi adi, wama me nkɔnsɔnkɔnsɔn ayɛ duru;

8 mpo sɛ meteɛm na misu mefrɛ no a, osiw me mpaebɔ kwan;

9 ɔde abo a wɔatwa ayɛ m’akwan mu fasu, wakyeakyea m’akwan.

10 Ɔyɛ osisi a ɔtɛw me, ne gyata a wahintaw;

11 watwe me afi m’akwan so, na watetew me mu, wayɛ me pasaa.

12 Wakuntun ne ta mu na ɔde me asi hɔ sɛ botae ama agyan;

13 wama ne kotoku mu agyan ahyɛn m’asaabo mu.

14 Mayɛ me man nyinaa asereserede ne wɔn dwom daa adesae.

15 Wama ade nwenenwene ara nko amee me, wama awɔnwene abow me.

16 Ɔde me se awe mmosea, wabrɛ me ase ahyɛ nso mu.

17 Woasum me kra afi asomdwoe ho, me werɛ afi sɛnea ahotɔ te,

18 na mise: M’anidaso ne nea mehwɛ AWURADE kwan wɔ ho no ayera!

19 Mekae m’amane ne m’ahometew a, ɛyɛ awɔnwene ne bɔre nko!

20 Me kra kae daa, na abrɛ ase me mu.

21 Mede eyi mehyɛ me koma mu, eyi so na mɛtwɛn ara:

22 Ɛyɛ AWURADE adɔeyɛ nti na yenwiee ɔsa ɛ, na ne mmɔborohunu to ntwae ɛ:

23 Ɛyɛ foforo daa anɔpa; wo nokwaredi dɔɔso.

24 Me kra se: AWURADE ne me kyɛfa, ɛno nti m’ani da no so ara.

25 AWURADE ye ma wɔn a wɔhwɛ no kwan, ma ɔkra a ɔhwehwɛ n’akyi kwan no.

26 Eye sɛ wɔyɛ komm twɛn AWURADE nkwagye;

27 eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔndua ne mmerantebere mu.

28 Sɛ ɔde to no so a, ma ne nko ntena ase, na ɔnyɛ komm;

29 ma ɔmfa n’ano mmutuw dɔte mu, ebia anidaso bi wɔ hɔ;

30 ma ɔmfa n’afono mma nea ɔbɔ no, ma ahohora mmee no.

31 Na Awurade rentow nkyene daa;

32 na sɛ ɔhyɛ wo awerɛhow mpo a, ne yam hyehye no ara, sɛ n’adɔeyɛ dodow no te;

33 efisɛ ɛnyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛhyɛ obi yaw anaa ɔbɛhaw nnipa mma.

34 Asase so nneduafo nyinaa, ne nan ase na ɔpɛtɛw wɔn,

35 obi bu obi atɛnkyew a ɛwɔ ɔsorosoroni no anim,

36 sɛ obi dan onipa asɛm ani a: So AWURADE nhu anaa?

37 Hena na ɔka na ɛba mu, bere a Awurade nhyɛe ɛ?

38 So ɛnyɛ ɔsorosoroni no anom na mmusu ne papa fi?

39 Adɛn na onipa a ɔte ase di asotwe ho nkɔmmɔ, ɛfa ne bɔne ho?

40 Momma yɛmpɛepɛe yɛn akwan mu nhwehwɛ mu, na yɛnsan mmra AWURADE nkyɛn.

41 Momma yɛmmoma yɛn koma ne yɛn nsa so nkyerɛ Onyankopɔn ɔsoro.

42 Yɛn ara na yɛato mmara na yɛatew atua, wo nso woamfa amfiri.

43 Wode abufuw kataa wo ho, na wutiw yɛn, woakum, woankyɛe so.

44 Wode omununkum kataa wo ho, na mpaebɔ amfa mu annu wo nkyɛn.

45 Wode yɛn ayɛ nwura dodow ne akyide, aman no mfinimfini.

46 Yɛn atamfo nyinaa ahanhan wɔn anom ahyɛ yɛn.

47 Ehu ne oku, ɔsɛe ne pasaayɛ abɛda yɛn hɔ.

48 M’aniwa sen nsu sɛ asuten, me man babea pasaayɛ ho.

49 M’aniwa kyi nsu, na ennyae, ennya atwaye,

50 kosi sɛ AWURADE besi ne ti ase afi soro ahwɛ.

51 M’aniwa hyɛ me awerɛhow, me kurow mmabea nyinaa nti.

52 M’atamfo taa me kwa sɛ anomaa.

53 Wɔtow me kyenee abura mu anikan, na wosiw me abo;

54 nsu bu kataa me ti so; na mise: Wɔatwa me akyene.

55 Mifi abura ase tɔnn meteɛɛm mefrɛɛ wo din, AWURADE.

56 Wutiee me nne, nsiw w’aso m’ahomegu ne me sufrɛ ho.

57 Wutwiw bɛnee, da a mefrɛɛ wo no; wokae sɛ: Nsuro!

58 O Awurade, woadi me kra asɛm ama me; woagye me nkwa!

59 AWURADE, woahu asɛmmɔne a wodii me; bu atɛn ma me!

60 Woahu wɔn aweretɔ no nyinaa, wɔn tirimpɔw a wɔbɔ no me ho nyinaa.

61 AWURADE, woate wɔn nsopa nyinaa, wɔn tirimpɔw a wɔbɔ no me ho nyinaa!

62 Wɔn a wɔsɔre hyɛ me no ano, ne wɔn adwene a wodwen me ho daa adesae,

63 hwɛ wɔn asetena ne wɔn sɔre ɛ! Me ara mene wɔn dwom.

64 AWURADE hyɛ wɔn ananmu, sɛ wɔn nsa ano nneyɛe te.

65 Ma nkataso nkata wɔn koma so, na wo nnome mmra wɔn so.

66 Tiw wɔn, abufuw mu, na sɛe wɔn fi wo AWURADE soro ase.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan