Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Kwadwom 2 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn kɔkɔbɔ no abam

1 Ao, Awurade de omununkum akata Sion babea ho, n’abufuw mu dɛn ara! Wafi ɔsoro atow Israel ahoɔfɛ ahwe fam, na wankae ne nan ntiaso n’abufuw da no.

2 Awurade amene Yakob tenabea nyinaa, wankyɛe so; wadwiriw Yuda babea aban a ɛyɛ den, n’anibere mu, wama aka fam; wahura n’ahenni ne ne mmapɔmma ho.

3 Watwitwa Israel mmɛn nyinaa n’abufuhyew mu, wapono ne nifa ato n’akyi afi ɔtamfo anim, na ɔdɛwee Yakob mu sɛ ogyaframa a ɛhyew hyia.

4 Wakuntun ne ta mu sɛ ɔtamfo, wagyina ateɛ ne nifa sɛ ɔhohiafo, na wakunkum nea ɛyɛ aniwa fɛ nyinaa; wahwie n’abufuhyew sɛ ogya agu Sion babea ntamadan so.

5 Awurade adan sɛ ɔtamfo; wamene Israel, wamene n’aban afɛfɛ nyinaa; wasɛe n’aban a ɛyɛ den no, na wama Yuda babea nkɔmmɔdi ne abubuwbɔ adɔɔso.

6 Wabu ne sese no agu sɛ turo mu de, wasɛe ne ntamadan; AWURADE ama werɛ afi Sion mu afahyɛ ne homeda, na n’abufuw mu awerɛhow mu wabu ɔhene ne ɔsɔfo animtiaa.

7 AWURADE atow n’afɔremuka akyene, wapa ne kronkronbea; ɔde n’aban afɛfɛ afasu ahyɛ ɔtamfo nsa; wɔyɛɛ gyegyeegye, AWURADE fi, sɛ afahyɛ da no.

8 AWURADE bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sion babea fasu; ɔde susuhama too ho. Wampono ne nsa amfi ne sɛe ho, wama pempe ne afasu di nkɔmmɔ, ne nyinaa agurogurow.

9 N’aponkɛse amem kɔ fam, akyiri adaban asɛe, na abubu. Ne hene ne ne mmapɔmma wɔ amanaman no mu, akwankyerɛ nni hɔ bio, n’adiyifo nhu AWURADE hɔ ani so ade.

10 Sion babea mpanyimfo tete fam ayeyɛ komm; wɔde dɔte agugu wɔn atifi, wɔafurafura ayitam; Yerusalem mmabaa asisi wɔn ti ase.

11 Nusu ama m’ani ayɛ siamoo, m’ayamde kyinkyim, me mmerɛbo ahwie agu fam, me man babea sɛe nti, abotafowa ne akokoaa totɔ piti, kurow no mmorɔn so.

12 Wɔka kyerɛ wɔn nanom sɛ: Ɛhe na aburow ne nsa wɔ? Na wɔtotɔ beraw sɛ atɔfo, kurow no mmorɔn so, na wogyaagyaa mu wɔn nanom kokom.

13 Dɛn adanse na minni wo, dɛn na memfa mento wo ho, O Yerusalem babea? Dɛn na memma ɛne wo nsɛ, na mede makyekye wo werɛ, O ɔbaabun, Sion babea? Wo yaw so sɛ ɛpo; hena na obetumi asa wo yare?

14 Atoro ne nnaadaa anisoade na w’adiyifo hu kyerɛɛ wo, na wɔanyi w’amumɔyɛ no so sɛ wɔde wo nnommum bɛsan aba; na atoro ne nsɛm a ɛma wofom na wohu kyerɛɛ wo.

15 Wɔn a wotwam ɔkwan so nyinaa bobɔ wɔn nsam gu wo so; wɔbɔ hwirema wosow wɔn ti gu Yerusalem babea so ka sɛ: So kurow a wɔfrɛ no Ahoɔfɛ a ewie fɛyɛ, asase nyinaa ahosan no ni?

16 W’atamfo nyinaa tɛɛtɛɛ wɔn anom hyɛ wo; wohinam, twɛre wɔn se ka sɛ: Yɛamene no! Ɛda a yɛhwɛɛ no kwan no ara ni! Yɛanya, yɛn ani ahu!

17 AWURADE ayɛ nea osusuwii; wama n’asɛm abam pɛ, n’asɛm a ofi tete mmere no mu hyɛe no; wadwiriw, na wankyɛe so, na wama ɔtamfo ani agye wo ho, wama w’ahohiafo abɛn so.

18 Ma wo nne so, ma wo koma nsu frɛ Awurade; Sion babea fasu, ma nusu nsen sɛ asuten awia ne anadwo; mpɛ ɔhome bi nhome, mma wo kurutiayisi nnyɛ komm.

19 Sɔre bɔ abubuw anadwo, adasu mfiase; hwie wo koma gu sɛ nsu, Awurade anim; wo mmotafowa kra nti ma wo nsa so kyerɛ no, na ɔkɔm ama wɔatotɔ piti, mmorɔn nyinaa ti!

20 AWURADE, hwɛ, na hu ɛ! Hena na woayɛ no sɛɛ yi? So mmea nwe wɔn yafumma, mmotafowa a wotuturu wɔn no? So wonkum ɔsɔfo ne odiyifo, Awurade kronkronbea hɔ anaa?

21 Mmofra ne nkwakoraa deda fam mmorɔn so; me mmabaa ne me mmerante atotɔ afoa ano. Woasɛe wɔn w’abufuw da no, woakum na woankyɛe so.

22 Woafrɛ m’ahude afi afa nyinaa sɛ afahyɛ da, na AWURADE abufuw da no, obi amfi mu amfi na obi anka; wɔn a mituruu wɔn na meyɛn wɔn no, me tamfo adwerɛw wɔn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan