Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Kwadwom 1 - KYERƐW KRONKRON


Yerusalem sɛe ne n’ahohora

1 Ao, kurow a anka emu nkurɔfo dɔɔso no, ne nko ara te hɔ dɛn ni? Nea anka ɔso amanaman mu no, wayɛ sɛ okunafo. Nea odi nsaase horow so hemmaa no, wayɛ nea oyi tow.

2 Osu ara na osu anadwo, na nusu sensan n’afono so. Onnya n’adɔfo nyinaa mu ɔwerɛkyekyefo bi. Ne mfɛfo nyinaa atwitwa no nkontompo, wɔadannan no atamfo.

3 Amane ne ɔsom dodow nti Yuda atu kɔ. Ɔte amanaman mu, na onnya homebea. N’atiwfo nyinaa kɔtoo no n’ahokyere mu.

4 Sion akwan no di awerɛhow, sɛ obiara mma afahyɛ no ase nti. N’aponkɛse nyinaa ayɛ afo. N’asɔfo gu ahome, ne mmabaa ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na wɔn nso werɛ ahow.

5 N’ahohiafo abedi ti, n’atamfo di yiye; na ne mmarato dodow nti AWURADE ahyɛ no awerɛhow: Ne mmotafowa adi ɔtamfo anim kɔ nnommumfa mu.

6 Na Sion babea ahokeka nyinaa aguan afi ne ho kɔ; ne mmapɔmma ayɛ sɛ atwe a wonnya adidibea, wodi atiwfo anim na wonni ahoɔden.

7 Yerusalem amane ne n’ahometew nna yi mu wakae n’afɛfɛde a ɛwɔ hɔ fi tete nna no mu no nyinaa; ne nkurɔfo hwee ɔhohiafo nsam na wannya ɔboafo no, n’ahohiafo ani gyei, na wɔserew n’asehwe no.

8 Yerusalem ayɛ bɔne kɛse ɛno nti na wadan asrede. Wɔn a anka wodi no ni nyinaa to ne ho mpe, efisɛ wɔahu n’adagyaw. Ɔno ankasa gu ahome, na wadan n’ani.

9 N’ahohwi bra ada adi n’atade mmuano mu; wannwene ne daakye ho, enti n’asehwe yɛ hu; onni ɔwerɛkyekyefo bi. AWURADE, hwɛ m’amane, na ɔtamfo di akokurokosɛm!

10 Ɔhohiafo no ateɛ ne nsa n’afɛfɛde nyinaa so, na wahu amanaman mpo, sɛ wɔrefow ne kronkronbea hɔ ade, nnipa a wohyɛe sɛ wɔnnhyɛn w’asafo mu no.


Sion kwadwom ne n’adesrɛ

11 Ne nkurɔfo nyinaa gu ahome rehwehwɛ aduan. Wɔde wɔn agyapade ma gye aduan de hyɛ wɔn ho den. AWURADE, hwɛ na hu, sɛ madan ohuhuni!

12 So ɛmfa mo a mofa ɔkwan so twam nyinaa ho bi? Monhwɛ na munhu, sɛ ɛyaw bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me yaw a wɔde aba me so yi a AWURADE de ahow me werɛ n’abufuhyew da no!

13 Wama ogya fi soro aduru me nnompe mu, na edidi mu; wasum m’anan afiri, wama masan m’akyi. Wama mayɛ pasaa, meyɛ gorɔw daa adesae.

14 Ɔde ne nsa akyekyere me mmaratode ayɛ no kɔndua; ɛtoatoa mu gu me kɔn mu, wama m’ahoɔden atu, AWURADE ayi me ahyɛ wɔn a mintumi minnyina wɔn anim no nsa.

15 AWURADE atow m’akunini a ɛwɔ me mu nyinaa agu; ɔfrɛɛ nnipa ma wohyiaa mu hyɛɛ me, sɛ wɔnnwerɛw me mmerante; AWURADE atiatia Yuda babea so sɛ wotiatia nsa-kyi-amoa mu.

16 Eyinom nti na misu; m’aniwam kyi nusu; na me werɛkyekyefo a obedwudwo me kra ne me ntam ware; me mma ayɛ pasaa, efisɛ ɔtamfo no adi nim.

17 Sion atrɛw ne nsam: Onni ɔwerɛkyekyefo bi; AWURADE ahyɛ Yakob sɛ, ne mfɛfo a atwa ne ho ahyia nyɛ n’atamfo; Yerusalem adan afide wɔ wɔn ntam.

18 Ɔtreneeni ne ɔno AWURADE, na me na matew n’anom asɛm ho atua. Amansan nyinaa, muntie, monhwɛ me yaw! Me mmabaa ne me mmerante kɔ nnommumfa mu.

19 Mefrɛɛ m’adɔfo, nanso wɔdaadaa me; m’asɔfo ne me mpanyimfo repɛ aduan de ahyɛ wɔn ho den no, wɔtotɔɔ beraw kuro no mu.

20 AWURADE hwɛ m’awerɛhow yi! M’ayamde kyinkyim; me koma adan me yam; efisɛ matew atua kɛse, afoa twitwa me mma abɔnten so, na owu nso wɔ fie.

21 Wɔtee sɛ meresi apini; minni ɔwerɛkyekyefo bi; m’atamfo nyinaa ate m’amane; wɔn ho sɛpɛw wɔn sɛ woayɛ me saa; wobɛma ɛda a woahyɛ no adu, na wɔn nso ayɛ sɛ me.

22 Ma wɔn nnebɔne nyinaa mmra w’anim, na yɛ wɔn sɛnea me mmaratode nyinaa nti woyɛɛ me no; na m’apinisi adɔɔso, na me koma agurow.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan