Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Kolosefo 4 - KYERƐW KRONKRON

1 Awuranom, momfa nea ɛteɛ, na ɛyɛ pɛ mma nkoa, efisɛ munim sɛ mo nso mowɔ owura ɔsoro.


Mpaebɔ ho mmɔdemmɔ

2 Munkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu.

3 Na mommɔ mpae mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhiɛ asɛm no pon mma yɛn, na yɛaka Kristo ahintasɛm a enti meda afiase yi,

4 na mayi no adi, sɛnea ɛsɛ me sɛ mekasa.

5 Monnantew nyansam wɔ ananafo mu, na monnsɛe mo bere kwa.

6 Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.


Tikiko ne Onesimo

7 Tikiko, onua dɔfo a ɔyɛ ɔsomfo nokwafo ne m'awurakwaa Awurade mu no bɛba abɛka mo me ho nsɛm nyinaa.

8 Eyi ara nti na masoma no mo nkyɛn, na moate yɛn ho asɛm, na wakyekye mo werɛ,

9 na mede Onesimo, onua nokwafo dɔfo a ofi mo mu no, mekaa ne ho; wɔn na wɔbɛma moate ɛha nsɛm nyinaa.


Marko ne Yusto

10 Aristarko, me yɔnko dommum, ne Barnaba wɔfase Marko a munyaa ne ho nkra no, (sɛ ɔba mo nkyɛn a, munnye no fɛw so).

11 Na afei, Yesu a wɔfrɛ no Yusto, wɔn a wofi twetiatwa mu no, kyia mo. Eyinom nko ne me yɔnko adwumayɛfo Onyankopɔn ahenni no fam, na wɔayɛ me awerɛkyekye.


Epafra, Luka ne Dema

12 Kristo Yesu akoa Epafra a ofi mo mu no kyia mo. Daa odi ma mo dennennen wɔ mpaebɔ mu, sɛ munnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Onyankopɔn apɛde nyinaa mu.

13 Na midi no adanse sɛ ɔbɔ mmɔden pii ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔwɔ Hierapoli.

14 Luka, oduruyɛfo dɔfo no, ne Dema kyia mo.


Laodikea asafo

15 Munkyia anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a ɛwɔ ne fi no.

16 Na sɛ wɔkenkan nhoma yi mo nkyɛn wie a, momma wɔnkɔkenkan Laodikeafo asafo no mu bi, na mo nso monkenkan nea efi Laodikea no.

17 Na monka nkyerɛ Arkipo sɛ: Hwɛ ɔsom a woanya no Awurade mu no so na woawie no pɛpɛɛpɛ.


Awiei

18 Me nkyia a me Paulo mede me nsa mekyerɛwee ni. Monkae me mpokyerɛ no. Adom nka mo nyinaa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan