Kolosefo 3 - KYERƐW KRONKRONWɔne Kristo biakoyɛ 1 Enti, sɛ moanya ne Kristo anyan a, monhwehwɛ nea ɛwɔ soro, nea Kristo te hɔ wɔ Onyankopɔn nifa. 2 Munnwen nea ɛwɔ soro, na ɛnyɛ nea ɛwɔ asase so. 3 Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahintaw Onyankopɔn mu; 4 na da a Kristo a ɔne yɛn nkwa beyi ne ho adi no, ɛno na wobeyi mo nso ne no adi anuonyam mu. Kristo mu biakoyɛ so aba 5 Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: Aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom. 6 Eyinom na ɛde Onyankopɔn abufuw ba, (wɔ asoɔdenfo mma so) 7 ɛno na kan a mote mu no, mo nso monantew mu. Esu foforo 8 Na afei mo de, munyi abufuw, koko bɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm nyinaa mfi mo anom ngu. 9 Munnnidi atoro nnkyerɛkyerɛ mo ho efisɛ moayi onipa dedaw no ne ne nneyɛe agu, 10 na moahyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo aba nimdeɛ mapa mu a egyina nea ɔbɔɔ no no suban so; 11 faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehye bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no. Ɛsɛ sɛ wosua Kristo abrabɔ 12 Enti sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ timmɔbɔ, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo ne abodwokyɛre. 13 Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mmoma mo ho, na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea Awurade de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no. 14 Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu. 15 Na momma Kristo asomdwoe nni panyin mo koma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua biako mu; na monnyɛ boniayɛfo. Abrabɔ nnyinaso 16 Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree; monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho nyansa nyinaa mu, momfa sanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛw so wɔ mo koma mu mma Onyankopɔn. 17 Na biribiara a moyɛ no asɛm mu anaa adwuma mu, monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa no so nna agya Onyankopɔn ase. Ɔyerenom, okununom, mma, awofo, nkoa ne awuranom ( Efesofo 5.22—6.9 ) 18 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛnea ɛsɛ, Awurade mu. 19 Okununom, monnɔ mo yerenom, na monnhyɛ wɔn ahometew. 20 Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa ho, na eyi na ɛsɔ Awurade ani. 21 Agyanom, munnhyɛ mo mma abufuw, na wɔn aba mu ammu. 22 Nkoa, muntie mo honam fam wuranom asɛm nneɛma nyinaa mu, ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom koma kronn mu, sɛ wɔn a wosuro Awurade. 23 Na adwuma biara a moyɛ no, mumfi akoma mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Awurade na monyɛ mma nnipa, 24 efisɛ munim sɛ Awurade nsam na mubenya apɛgyade sɛ akatua, na Awurade Kristo na mosom no. 25 Na nea ɔyɛ nea ɛnteɛ no benya nea ɛnteɛ a ɔyɛe no so akatua, na nnipa animhwɛ nni mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana