Hosea 5 - KYERƐW KRONKRONAhemman abien no ateɛteɛ 1 Muntie eyi, O, asɔfo, na monwɛn aso, Israel fi, na ɔhene fi nso, monyɛ aso; na mo so na atemmu aba; na moadan afiri Mispa, ne asawu a wɔatrɛw mu Tabor so; 2 na mansotwefo ama wɔn ahohwisɛnni mu adɔ; nanso mɛtwe wɔn nyinaa aso. 3 Me de, minim Efraim, na Israel nso nhintaw me; na afei, Efraim, woabɔ aguaman, na Israel ho agu fi. 4 Wɔn nsɛnnii mma wɔnsan mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na aguamammɔ honhom wɔ wɔn mu, na wonnim AWURADE. 5 Na Israel ahantan bedi n’anim adanse, na Israel ne Efraim behintiw wɔn amumɔyɛ mu; Yuda nso ne wɔn ahintiw. 6 Wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi bɛkɔ akɔhwehwɛ AWURADE, na wɔrenhu no efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho. 7 Wɔatwa AWURADE nkontompo, na wɔawowo ananafo mma; afei ɔsram foforo bɛmene wɔn ne wɔn nsase. 8 Monhyɛn abɛn Gibea, monhyɛn torobɛnto Rama. Mommɔ ose Bet-awen, hwɛ w’akyi, Benyamin. 9 Efraim bɛdan amamfo, asotwe da no; mama wɔahu Israel mmusuakuw ho asɛm a ebetim no. 10 Yuda mmapɔmma ayɛ sɛ wɔn a wotwiw ɔhye kɔ akyiri, wɔn so na mehwie m’anibere magu sɛ nsu. 11 Wɔhyɛ Efraim so, wɔapɛtɛw no atemmu mu, efisɛ waboapa adi ade hunu akyi. 12 Na me de, mete sɛ nwewee mema Efraim, ne nhunhunii mema Yuda fi. 13 Bere a Efraim huu ne yare, na Yuda huu ne kuru; na Efraim siim kɔɔ Asiria, na ɔsoma kɔɔ ɔhene Yareb nkyɛn; na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yare, na ɔrenkum mo ho kuru. 14 Na me de, mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim, ne gyataforo ama Yuda fi, m’ankasa na mɛtetew mu makɔ, mɛfa makɔ a ogyefo bi nni hɔ. Ahonu a enye 15 Mɛkɔ, mɛsan makɔ me baabi, akosi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim; wɔn ho hia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana